Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 21:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Na biribiara a mubebisa mpaebɔ mu na mugye di no, mubenya.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na biribiara a mobɛbisa mpaebɔ mu na mogye die no, mobɛnya.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Biribiara a mode gyidi bebisa wɔ mpaebɔ mu no, mo nsa bɛka.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Na biribiara a mobɛbisa mpaebɔ mu na mogye die no, mobɛnya.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Biribiara a mode gyidie bɛbisa wɔ mpaeɛbɔ mu no, mo nsa bɛka.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na biribiara a mubebisa mpaebɔ mu na mugye di no, mubenya.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 21:22
11 Referencias Cruzadas  

Bio, nokware mise mo sɛ, mo mu baanu yɛ anokoro asase so asɛm biara a mubebisa ho a, m’agya a ɔwɔ soro bɛyɛ ama mo.


Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, mpɛn ahe na mo agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wobisa no?


Mummisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mubehu, mompem na wobehiɛ mo.


Eyi nti mise mo sɛ: Ade biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mubenya, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.


Na biribiara a mobɛsrɛ me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya anuonyam ɔba no mu.


Sɛ motena me mu na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ ama mo.


Ɛde bedu sesɛɛ de, monsrɛɛ biribi me din mu ɛ; monsrɛ, na mubenya, na mo anigye awie pɛyɛ.


Monkeka mo mfomso nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na munyiyi mpae mmoma mo ho mo ho, na wɔasa mo yare. Onipa trenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ ade bebree.


na biribiara a yɛsrɛ no, yenya fi ne nkyɛn, efisɛ yedi n’ahyɛde so, na yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios