Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 21:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Na asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo no huu anwonwade a ɔyɛe, ne mmofra a wɔteɛteɛm asɔrefi sɛ: Hosiana Dawid ba no, anyɛ wɔn abodwo,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hunuu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ, ne mmɔfra a wɔteateaa mu asɔrefie sɛ: Hosiana Dawid ba no no, anyɛ wɔn abodwo,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Nanso bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi huu anwonwade yi na wɔtee nso sɛ mmofra nkumaa a wɔwɔ hyiadan mu hɔ reteɛteɛ mu se, “Nhyira nka Dawid Ba no” no, anyɛ wɔn dɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hunuu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ, ne mmɔfra a wɔteateaa mu asɔrefie sɛ: Hosiana Dawid ba no no, anyɛ wɔn abodwo,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Nanso, ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi hunuu anwanwadeɛ yi na wɔtee nso sɛ mmɔfra nkumaa a wɔwɔ asɔrefie hɔ reteateam sɛ, “Nhyira nka Dawid Ba no” no, anyɛ wɔn dɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo no huu anwonwade a ɔyɛe, ne mmofra a wɔteɛteɛm asɔrefi sɛ: Hosiana Dawid ba no, anyɛ wɔn abodwo,

Ver Capítulo Copiar




Mateo 21:15
20 Referencias Cruzadas  

O AWURADE, womaa wo nsa so, nanso wɔanhwɛ; wobehu, na wɔn ani awu, ɔman ho ninkuntwe no; yiw, w’atamfo no, ogya bɛhyew wɔn.


Na edu no tee no, anuanom baanu no asɛm no anyɛ wɔn abodwo.


Na oduu asɔrefi na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi, na hena na ɔmaa wo tumi yi?


Na nkurɔfo akuwakuw a wodi kan ne wɔn a wodi akyiri no teɛɛm sɛ: Hosiana nka Dawid ba no, Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no, Hosiana wɔ ɔsorosoro noho!


sɛ: Mudwen Kristo no ho dɛn? Hena ba ne no? Wosee no sɛ: Dawid.


Ɛnna asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo kohyiaa ɔsɔfo panyin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu,


Na asɔfo mpanyimfo ne abaguafo no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekurum, na wɔagyina so akum no,


Na ade kyee no, asɔfo mpanyimfo no nyinaa ne ɔman mpanyimfo no tuu Yesu ho agyina sɛ wobekum no.


Na asɔfo mpanyimfo ne mpanyimfo no tuu nkurɔfo akuwakuw no aso sɛ wɔnsrɛ Baraba, na wonkum Yesu.


Na Yesu fi hɔ rekɔ no, anifuraefo baanu dii n’akyi teɛteɛɛm sɛ: Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!


Na asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no tee, na wɔhwehwɛe sɛ wobekum no; nso wosuro no, efisɛ ne nkyerɛkyerɛ yɛ nkurɔfokuw no nyinaa nwonwa.


Na ɛbae sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ ɔman no wɔ asɔrefi na ɔreka asɛmpa no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no baa no so,


Na asɔfo mpanyimfo ne Akyerɛwfo no hwehwɛe sɛnea wɔbɛyɛ na wɔakum Yesu efisɛ wosuro ɔman no.


Na ade kyee no, ɔman mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne Akyerɛwfo no behyiae, na wɔde no kɔɔ wɔn asennii


Na asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ mmara nso sɛ, sɛ obi nim nea ɔwɔ a, ɔmmɛkyerɛ, na wɔnkɔkyere no.


Ɛnna Farisifo no ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Muhu sɛ muntumi nyɛ ho hwee; hwɛ, wiase atu adi n’akyi.


Afei Awurade hui sɛ Farisifo ate sɛ Yesu renya asuafo bebree na ɔrebɔ nnipa pii asu sen Yohane no.


Kyerɛwsɛm no anka sɛ Dawid asefo mu ne Betlehem kurow a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no befi anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios