Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 20:25 - KYERƐW KRONKRON

25 Na Yesu frɛɛ wɔn bae, kae sɛ: Munim sɛ wiase amanaman ahemfo di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse no di wɔn so tumi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Na Yesu frɛɛ wɔn bae, na ɔkaa sɛ: Monim sɛ wiase amanaman ahemfo di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛseɛ no di wɔn so tumi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Yesu frɛɛ wɔn nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Munim sɛ ahene ne atumfo di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so. Saa ara nso na wɔn a wodi wɔn so no nso di afoforo so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Na Yesu frɛɛ wɔn bae, na ɔkaa sɛ: Monim sɛ wiase amanaman ahemfo di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛseɛ no di wɔn so tumi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Yesu frɛɛ wɔn nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monim sɛ ahene ne atumfoɔ di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so. Saa ara nso na wɔn a wɔdi wɔn so no nso di afoforɔ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na Yesu frɛɛ wɔn bae, kae sɛ: Munim sɛ wiase amanaman ahemfo di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse no di wɔn so tumi.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 20:25
14 Referencias Cruzadas  

Na Yesu frɛɛ wɔn bae na osee wɔn sɛ: Munim sɛ wɔn a wobu wɔn sɛ wodi wiase amanaman so no di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse no di wɔn so tumi.


Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.


na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa ho popoe, na wosuroo n’anim; nea ɔpɛ no, okum no, na nea ɔpɛ no, ɔma ɔtena ase; na nea ɔpɛ no, ɔma no so, na nea ɔpɛ no, ɔbrɛ no ase.


Afei de, sɛ moasiesie mo ho sɛ bere a mobɛte abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa nnyigyei no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ no a, eye. Na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo begu ogya a ɛrefram fononoo no mu, na onyame bɛn na obeyi mo afi me nsam?


Na edu no tee no, anuanom baanu no asɛm no anyɛ wɔn abodwo.


ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi asafotow no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios