Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 20:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na Yesu bisaa no sɛ: Dɛn na wopɛ? Osee no sɛ: Ka ma me mma baanu yi mu biako ntena wo nifa, na obiako nso ntena wo benkum w’ahenni no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na Yesu bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wopɛ? Ɔbua see no sɛ: Ka ma me mma mmienu yi mu baako ntena wo nifa, na ɔbaako nso ntena wo benkum w’ahennie no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu bisaa no se, “Dɛn na wopɛ sɛ menyɛ mma wo?” Obuaa no se, “Mepɛ sɛ, sɛ wokɔ wʼahenni mu a, me mma baanu yi mu baako tena wo nifa so, na ɔbaako nso tena wo benkum so.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na Yesu bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wopɛ? Ɔbua see no sɛ: Ka ma me mma mmienu yi mu baako ntena wo nifa, na ɔbaako nso ntena wo benkum w’ahennie no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ menyɛ mma woɔ?” Ɔbuaa no sɛ, “Mepɛ sɛ, sɛ wokɔ wʼahennie mu a, me mma baanu yi mu baako tena wo nifa so, na ɔbaako nso tena wo benkum so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na Yesu bisaa no sɛ: Dɛn na wopɛ? Osee no sɛ: Ka ma me mma baanu yi mu biako ntena wo nifa, na obiako nso ntena wo benkum w’ahenni no mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 20:21
24 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Batseba baa ɔhene Solomon nkyɛn sɛ ɔne no rebɛkasa ama Adonigya. Na ɔhene sɔre kohyiaa no na ɔkotow no, na ɔtenaa n’agua so; na wɔde agua sii hɔ maa ɔhene ne na, na ɔtenaa ne nifa so.


Na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon anadwo dae mu wɔ Gibeon, na Onyankopɔn kae sɛ: Srɛ nea memma wo.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo, ɔhemmea Ester? Na ɛdɛn na worehwehwɛ? Edu ahenni no fa po a, wɔde bɛma wo.


AWURADE asɛm a osee me wura ni: Tena me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso.


Ahene mmabea wɔ wo mmea anuonyamfo mu, wo dɔyere abegyina wo nifa, Ofir sika mu.


Na wo na worehwehwɛ ade kɛse afa? Nhwehwɛ, na hwɛ, mede bɔne mereba ɔhonam nyinaa so, AWURADE asɛm ni, na mede wo kra mɛma wo sɛ asade, baabiara a wobɛkɔ.


Ɛdɔn no ara mu na asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisaa sɛ: Hena ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu?


Na Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ mo a moabedi m’akyi yi, wiase foforo no mu no, da a Onipa Ba no bɛtena n’anuonyam ahengua so no, mo nso mobɛtena nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.


Na Yesu buae sɛ: Munnim nea morebisa. Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom no anaa? (Anaasɛ mubetumi ama wɔde asubɔ a wɔde rebɛbɔ me no abɔ mo anaa?) Wosee no sɛ: Yebetumi.


Na Yesu gyina frɛɛ wɔn sɛ: Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ mema mo?


Yesu bisaa no sɛ: Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo? Na onifuraefo no see no sɛ: Rabuni, mepɛ sɛ mihu ade!


Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasae akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nifa.


na Herodia no ara babea bae bɛsawee, na ɔsɔɔ Herode ne wɔn a wɔne no te adidii no ani. Ɛnna ɔhene see ababaa no sɛ: Bisa me biribiara a wopɛ, na mɛma wo.


sɛ: Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo? Na ɔkae sɛ: Awurade, ma minhu ade.


Na wɔretie eyinom no, ɔtoaa so buu bɛ bi, efisɛ na wabɛn Yerusalem, na nkurɔfokuw no susuwii sɛ Onyankopɔn ahenni rebeyi ne ho adi amonom hɔ ara. Enti Yesu kae sɛ:


Na akasakasa bi nso baa wɔn mu sɛ, wɔn mu hena na wobebu no kɛse.


Sɛ motena me mu na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ ama mo.


Ɛnna wohyiae no, wobisaa no sɛ: Awurade, bere yi mu na wobɛsan de ahenni no ama Israel anaa?


Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye, munni kan nnidi mo ho ni.


hena ne nea obu fɔ? Kristo Yesu ne nea owui na mpo wanyan, na ɔte Nyankopɔn nifa nso, nanso odi ma yɛn.


Enti, sɛ moanya ne Kristo anyan a, monhwehwɛ nea ɛwɔ soro, nea Kristo te hɔ wɔ Onyankopɔn nifa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios