Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 2:23 - KYERƐW KRONKRON

23 Na ɔba bɛtenaa kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na nea odiyifo no kae no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na ɔba bɛtenaa kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na deɛ odiyifoɔ no kaeɛ no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Enti wɔkɔtenaa kurow Nasaret mu. Eyi nso maa nea adiyifo no kae se, “Wɔbɛfrɛ no Nasareni” no baa mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Na ɔba bɛtenaa kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na deɛ odiyifoɔ no kaeɛ no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Enti, wɔkɔtenaa kuro Nasaret mu. Yei nso maa deɛ adiyifoɔ no kaeɛ sɛ, “Wɔbɛfrɛ no Nasareni” no baa mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na ɔba bɛtenaa kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na nea odiyifo no kae no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 2:23
20 Referencias Cruzadas  

Na eyi ne ɔhotuafo ho mmara, ɛda a n'ahotua nna wie du no, wɔmfa no mmra ahyiae ntamadan no ano,


Na eyi nyinaa yɛɛ hɔ, na nea Awurade nam odiyifo no so kae no aba mu sɛ:


Na nkurɔfo akuwakuw no se: Oyi ne Yesu, odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea no.


Na ofii adi kɔɔ abrannaa no so hɔ no, abaawa foforo bi nso huu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ sɛ: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam!


sɛ: Dɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobae sɛ wobɛsɛe yɛn anaa? Minim wo nipa ban, Onyankopɔn hotefo no.


Na ɛbae sɛ nna no mu no, Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galilea bae, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Yordan mu.


Na ɔsram a ɛto so asia no mu no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ Galilea kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret mu,


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, Yesu Nasareni no na ɔretwam.


Na wowiee amanne nyinaa yɛ sɛnea Awurade mmara kyerɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurow Nasaret a ɛwɔ Galilea mu.


Wobuaa no sɛ: Yesu, Nasareni no. Yesu see wɔn sɛ: Mini! Nso Yuda a oyii no mae no nso ne wɔn na egyina hɔ.


Ɛnna obisaa wɔn bio sɛ: Morehwehwɛ hena? Na wose: Yesu, Nasareni no.


Na Pilato kyerɛw ɛho asɛm nso, na ɔde fam asɛnnua no atifi, na ɛka sɛ: Yesu, Nasareni, Yudafo hene.


Israel mmarima, muntie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenne ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn no ara nam no so yɛe mo mu, yii no kyerɛɛ mo, sɛnea mo ankasa nso munim no,


Yɛahu ɔbarima yi sɛ ɔyɛ obusufo a ɔde mansotwe ba Yudafo a wɔwɔ wiase nyinaa mu, na ɔyɛ Nasarefo fekuw no mu panyin.


Na hwɛ, worebenyinsɛn awo babarima a oyiwan renka ne ti, na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum, na ɔno na obefi ase agye Israel afi Filistifo nsam.


Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnne mede no mɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan bi renka ne ti.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios