Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 2:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Na ɔtee sɛ Arkelao di Yudea hene n’agya Herode ananmu no, osuroe sɛ ɔbɛkɔ hɔ; na woyi kyerɛɛ no ɔdae mu no, ɔman kɔɔ Galilea fam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na ɔtee sɛ Arkelao di Yudea hene n’agya Herode ananmu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ; na wɔyi kyerɛɛ no daeɛ mu no, ɔmane faa Galilea fam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Yosef tee sɛ Arkelao a ɔyɛ Herode ba na odi hene wɔ Yudea saa bere no mu no, osuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade san soo no dae foforo bio sɛ ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Na ɔtee sɛ Arkelao di Yudea hene n’agya Herode ananmu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ; na wɔyi kyerɛɛ no daeɛ mu no, ɔmane faa Galilea fam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Yosef tee sɛ Arkelao a ɔyɛ Herode ba na ɔdi ɔhene wɔ Yudea saa ɛberɛ no mu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade sane soo no daeɛ foforɔ bio sɛ ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na ɔtee sɛ Arkelao di Yudea hene n’agya Herode ananmu no, osuroe sɛ ɔbɛkɔ hɔ; na woyi kyerɛɛ no ɔdae mu no, ɔman kɔɔ Galilea fam.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 2:22
18 Referencias Cruzadas  

AWURADE bɛhwɛ w’adifi ne wo fieba so afi sesɛɛ de akosi daa.


sɛ saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa, ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfo de akosi wu mu.


Wonam w’atirimpɔw so kyerɛkyerɛ me kwan, na akyiri no, woagye me akɔ anuonyam mu.


na w’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnantew so.


Na ɔredwennwene eyinom no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ no ɔdae mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na nea ɔyem no no fi Honhom Kronkron mu.


Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, ɔhene Herode bere so no, hwɛ, anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem


Na Herode wui no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho kyerɛɛ Yosef ɔdae mu wɔ Misraim


Na ɔsɔre faa abofra no ne ne na, na ɔbaa Israel asase so.


Ɛnna Yesu fii Galilea baa Yordan ho Yohane nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu.


Na wowiee amanne nyinaa yɛ sɛnea Awurade mmara kyerɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurow Nasaret a ɛwɔ Galilea mu.


Wobua see no sɛ: Gyama wo nso wufi Galilea? Hwehwɛ mu, na wubehu sɛ odiyifo bi nsɔree wɔ Galilea pɛn.


Na Samuel se: Mɛyɛ dɛn makɔ? Na Saul te a, obekum me. Na AWURADE se: Fa nantwi ba kura na kɔka sɛ: AWURADE afɔrebɔ na mebae.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios