Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 19:23 - KYERƐW KRONKRON

23 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Nokware mise mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefoɔ sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Afei Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Meka mo nokware se ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahenni no mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefoɔ sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Afei, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahennie no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Nokware mise mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 19:23
25 Referencias Cruzadas  

Nea ɔde ne ho to n’ahonyade so no bɛhwe ase, na treneefo bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahaban.


Na nea woguu no nsɔe mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonyade nnaadaa mia asɛm no, na ɛnsow aba.


na ɔkaa sɛ: Nokware mise mo sɛ, moannan na moanyɛ sɛ mmofra a, morentumi nhyɛn ɔsoro ahenni no mu.


Aberante no tee asɛm no no, ɔde awerɛhow kɔe; efisɛ ɔwɔ ahonyade bebree.


Wɔn baanu yi mu hena na ɔyɛɛ nea n’agya pɛ? Na wose: Nea odi kan no. Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, towgyefo ne nguamanfo redi mo anim akɔ Onyankopɔn ahenni mu.


Na mise mo sɛ, sɛ mo trenee ammoro Kyerɛwfo ne Farisifo no de so a, morennya ɔsoro ahenni no mu nhyɛn.


Ɛnna Yesu hwɛɛ ne ho hyiae see n’asuafo no sɛ: Sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyade sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu?


Na Yesu hwɛɛ no kae sɛ: Sɛ moahu den a ɛyɛ ma asikafo ne adefo sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu!


Yesu bua see no sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Nyankopɔn ahenni no.


Yesu buae sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛn Onyankopɔn ahenni mu.


hyehyɛɛ asuafo no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidi mu, kae nso sɛ etwa yɛn sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Onyankopɔn ahenni mu.


Na, anuanom, monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ ɔhonam fam anyansafo beberee, ɛnyɛ atumfo beberee, ɛnyɛ adehye beberee na wɔafrɛ wɔn,


Na mo de, moabu ohiani no animtiaa. So ɛnyɛ adefo no na wɔhyɛ mo so, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnnii?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios