Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 19:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Aberante no tee asɛm no no, ɔde awerɛhow kɔe; efisɛ ɔwɔ ahonyade bebree.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Aberanteɛ no tee asɛm yi no, ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ; ɛfiri sɛ na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Esiane sɛ na saa aberante yi wɔ ahonyade bebree nti, ɔtee saa nsɛm no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhow fii hɔ kɔe.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Aberanteɛ no tee asɛm yi no, ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ; ɛfiri sɛ na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Esiane sɛ na saa aberanteɛ yi wɔ ahonyadeɛ bebree enti, ɔtee saa nsɛm yi no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Aberante no tee asɛm no no, ɔde awerɛhow kɔe; efisɛ ɔwɔ ahonyade bebree.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 19:22
17 Referencias Cruzadas  

AWURADE, fa wo nsa begye me, fi nnipa nsam, nnipa a wɔn nkwa kyɛfa ne wiase de, fa nea wasiesie ama wɔn hyɛ wɔn yafunu ma ma wɔn mma nnya no mmoroso na wɔmfa bi nnyaw nkyirimma.


Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔate wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anom adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredi; wɔn koma di wɔn mfaso akyi.


Na nea woguu no nsɔe mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonyade nnaadaa mia asɛm no, na ɛnsow aba.


Na ɛyɛɛ ɔhene no yaw, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidii no nti, ɔhyɛe sɛ wɔmfa mma no.


Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Anaasɛ dɛn na onipa bɛma de asesa ne kra?


Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn nea wowɔ, na fa ma ahiafo, na woanya agyapade wɔ ɔsoro, na bra bedi m’akyi!


Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Nokware mise mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu.


Obiara ntumi nsom awuranom baanu. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtan biako na wadɔ biako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata biako no na wabu biako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon.


Na asɛm no nti omunae de awerɛhow kɔe; efisɛ na ɔwɔ ahonyade bebree.


Na ɛyɛɛ ɔhene yaw pii, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidii no nti, wampɛ sɛ ɔkame no.


Na ɔtee eyi no, ɛyɛɛ no awerɛhow sɛ; efisɛ ɔyɛ ɔdefo kɛse.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mubesu na moatwa adwo, na wiasefo ani begye; na mo de, mo werɛ bɛhow; nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye.


Efisɛ munim dedaw sɛ aguamammɔfo biara anaa afideyɛfo anaa oniberefo (a ɔyɛ ɔbosonsonni) nni apɛgyade Kristo ne Nyankopɔn ahenni mu.


Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: Aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios