Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 18:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Hintiduato nti wiase nnue! Na etwa sɛ hintiduato ba de, nanso onipa a hintiduato nam no so ba no nnue!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Suntiduatoɔ nti wiase nnue! Na ɛtwa sɛ suntiduatoɔ ba deɛ, nanso onipa a suntiduatoɔ nam ne so ba no nnue!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wiase nnue wɔ ne hintiduato ho! Hintiduato wɔ hɔ de, nanso nea ɛnam ne so bɛba no nnue.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Suntiduatoɔ nti wiase nnue! Na ɛtwa sɛ suntiduatoɔ ba deɛ, nanso onipa a suntiduatoɔ nam ne so ba no nnue!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ewiase nnue wɔ ne suntiduatoɔ ho! Suntiduatoɔ wɔ hɔ deɛ, nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Hintiduato nti wiase nnue! Na etwa sɛ hintiduato ba de, nanso onipa a hintiduato nam no so ba no nnue!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 18:7
30 Referencias Cruzadas  

Na akasakasa baa Abram mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo ntam. Na bere no mu na Kanaanfo ne Perisifo tete asase no so.


Nanso sɛ wode asɛm a woadi yi ama AWURADE atamfo anya kwan aka abususɛm atia no nti, ɛyɛ dɛn ara ɔba a wɔwoo no maa wo bewu.


Na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ: Fi me so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de na wudwen.


Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw ne ho de, nanso onipa a obeyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka eye ma no.


Na sɛ mote ɔko ne akosɛm a, mommma mo koma nntutu! Na etwa sɛ ɛba, nanso na awiei no nnya nnui.


Na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Ɛdan sɛ dɛn ara a, hintiduato bɛba de, nanso nea ɛnam no so bɛba no nnue!


Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn misiee wo din mu; wɔn a wode wɔn ama me no, mawɛn wɔn, na wɔn mu bi anyera, gye ɔyera ba no, na kyerɛwsɛm no aba mu.


Anuanom, etwa sɛ kyerɛw no a Honhom Kronkron nam Dawid anom nsɛm so kae kan no nya ba mu wɔ Yuda a ɔyɛɛ wɔn a wɔkyeree Yesu no kwankyerɛfo no ho.


Wiɛ, etwa sɛ fekuw horow ba mo mu, na wɔn a wɔfra no ada adi mo mu.


Nkoa dodow a wɔwɔ kɔnnua ase no mmu wɔn wuranom sɛ nidi nyinaa sɛ wɔn, na Onyankopɔn din ne kyerɛkyerɛ no ho anhura.


na wɔadwen adwempa, ahwɛ wɔn ho so, ayɛ wɔn afi yiye, ayɛ adɛɛfo, abrɛ wɔn ho ase ama wɔn ankasa wɔn kununom, na wɔanka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.


asɛmpa a eye a wonnya ho asɛm bi nka adi, na nea ɔne yɛn anya no afɛre, efisɛ onni yɛn ho bɔne biara ka.


Na nnipa bi awiawia wɔn ho abam a wofi tete akyerɛw wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmu yi, amumɔyɛfo a wɔdan yɛn Nyankopɔn adom ahohwi, na wɔpo owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no.


Enti mmerante no bɔne soe kɛse, AWURADE anim, efisɛ nnipa no buu AWURADE aduan afɔre no animtiaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios