Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 17:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na wofi bepɔw no so resian no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka ade a moahu yi nnkyerɛ obiara kosi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afi awufo mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na wɔfiri bepɔ no so resiane no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka deɛ moahunu yi nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ onipa ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛbaa sɛ wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se, “Monnka nea moahu no nkyerɛ obiara kosi sɛ menyan afi awufo mu.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na wɔfiri bepɔ no so resiane no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka deɛ moahunu yi nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ onipa ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛbaa sɛ wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, “Monnka deɛ moahunu no nkyerɛ obiara kɔsi sɛ mɛnyane afiri awufoɔ mu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na wofi bepɔw no so resian no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka ade a moahu yi nnkyerɛ obiara kosi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afi awufo mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 17:9
16 Referencias Cruzadas  

Na ɔbraa wɔn sɛ wonnyi no adi,


nanso mise mo sɛ: Elia aba dedaw, na wɔanhu no, na wɔyɛɛ no nea wɔpɛ nyinaa. Saa ara nso na Onipa Ba no rebehu amane wɔn nsam.


Na osee wɔn sɛ: Efisɛ mo gyidi sua; na nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Twiw fi ha kɔ noho, na ebetwiw, na biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ.


Na wɔrekyinkyin Galilea no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔrebeyi Onipa Ba no akɔhyɛ nnipa nsa,


na wɔakum no, na ne nnansa so no, obenyan. Na ɛyɛɛ wɔn awerɛhow pii.


Na wɔmomaa wɔn ani so no, wɔanhu obiara gye Yesu nko ara.


Na Yesu see no sɛ: Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.


Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, na kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na kɔma ayɛyɛde a Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse.


Na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka ne ho asɛm nnkyerɛ obiara.


Na ɛyɛɛ n’awofo ahodwiriw; na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nea aba yi nnkyerɛ obiara.


Na ɛnne no twaam no, wohuu Yesu nko ara. Na womuamuaa so, na nna no mu no, wɔanka nneɛma a wohui no ankyerɛ obiara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios