Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 17:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na Yesu bae besusoo wɔn mu sɛ: Monsɔre, na munnsuro!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na Yesu ba bɛsosɔɔ wɔn mu sɛ: Monsɔre, na monnsuro!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yesu baa wɔn nkyɛn, besusoo wɔn mu kae se, “Monsɔre! Munnsuro!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na Yesu ba bɛsosɔɔ wɔn mu sɛ: Monsɔre, na monnsuro!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yesu baa wɔn nkyɛn, bɛsosɔɔ wɔn mu kaa sɛ, “Monsɔre! Monnsuro!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na Yesu bae besusoo wɔn mu sɛ: Monsɔre, na munnsuro!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 17:7
10 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, nsa bi bɛkaa me kanyan me ma meweaweaa me nankoroma ne me nsa so.


Na obi a ɔte sɛ onipa sɛso san bɛkaa me bio, na ɔhyɛɛ me den;


Na ɔne me rekasa no, m’ani so birii me ma mehwee ase, na m’anim butuw fam; nanso osoo me mu de me gyinaa m’anan so bio.


na meda so merekasa me mpaebɔ mu no, ɔbarima Gabriel a mihuu no anisoadehu mu kan no tuu ntɛmntɛm bɛkaa me, anwummere afɔrebɔ bere mu.


Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, munnsuro!


Na asuafo no tee no, wɔde wɔn anim butubutuw fam, na wosuroe yiye.


Na wɔmomaa wɔn ani so no, wɔanhu obiara gye Yesu nko ara.


Na ehu kaa wɔn ma wosisii wɔn ti ase, na mmarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na mohwehwɛ ɔteasefo no awufo mu yi?


Sɔre kɔ kurow no mu, na wɔbɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ.


Na mihuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufo, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifo ne okyidifo,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios