Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 17:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na ogu so kasa no, hwɛ, omununkum hyerɛnhyerɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so na nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani. Muntie no!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so ɛnna nne bi firi omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani. Montie no!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na ogu so kasa no, hwɛ, omununkum hyerɛnhyerɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 17:5
38 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE fi ahum no mu buaa Hiob sɛ:


wofrɛe ahohia mu, na miyii wo wɔ mu, mifi ɔprannaa mu migyee wo so. Mesɔɔ wo mehwɛe Meriba asu ho. Sela


Na torobɛnto no nne kɔɔ so na ano yɛɛ den ara no, Mose kasae, na Onyankopɔn de nne kɛse gyee so.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden ni, nea mapaw no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu no so; ɔde atemmu befi akɔ amanaman mu.


AWURADE trenee nti na ɛsɔɔ n’ani sɛ ɔbɛma mmara no ayɛ kɛse na anya anuonyam.


Hwɛ, m’abofra a mayi no, nea medɔ no a me kra ani sɔ no; Mede me honhom megu no so, na waka atemmu akyerɛ amanaman mufo.


Na asuafo no tee no, wɔde wɔn anim butubutuw fam, na wosuroe yiye.


Na hwɛ, ɛnne bi fi soro kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.


Na ɛnne bi fi soro bae sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani!


Na omununkum bi bae bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba, muntie no!


na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ aborɔnoma baa no so, na ɛnne bi fi soro kae sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.


Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.


Agya no dɔ Ɔba no, na ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa.


Na Agya no a ɔsomaa me no ankasa adi me ho adanse. Moante ne nne ara da, nso moanhu ne suban;


Na ɔkaa eyinom wiei na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na omununkum gyee no fii wɔn anim.


Oyi ne Mose a ɔka kyerɛɛ Israel mma sɛ: Odiyifo a ɔte sɛ me na Onyankopɔn bɛma no so mo nuanom mu ama mo.


na ama wɔayi n'adom a ɔde adom yɛn, wɔ ne Dɔba mu no anuonyam ayɛ.


Odiyifo a ofi wo mu a ofi wo nuanom mu te sɛ me na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma no so ama wo, ɔno na muntie no.


na obiara a ɔrentie me nsɛm a ɔbɛka me din mu no, me ara mebisa no ase.


Nsɛm yi na AWURADE fi ogya, omununkum ne esum kabii no mu de nne kɛse ka kyerɛɛ mo bagua no nyinaa, bepɔw no so, na wamfa bi anka ho; na ɔkyerɛwee wɔ abopon abien so de maa me.


sɛ wayi yɛn afi sum tumi ase de yɛn aba ne Dɔba no ahenni mu.


na onya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wotie no nyinaa daa nkwagye farebae,


Hwɛ, ɔnam amununkum mu reba, na aniwa nyinaa behu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no peaw no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho abubuw. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.


Na mihui, na hwɛ, omununkum fitaa, na obi a ɔte sɛ onipa ba te omununkum no so, na ɔbɔ sika abotiri na okura kantankrankyi nnamnam bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios