Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 17:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Awurade, eye sɛ yɛtena ha; sɛ wopɛ a, mɛbɔ asese abiɛsa wɔ ha, wo de biako, Mose de biako, na Elia de biako.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Awurade, ɛyɛ sɛ yɛtena ha; sɛ wopɛ a, mɛbɔ asese mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, na Elia deɛ baako.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Petro kae se, “Awurade, ɛyɛ nwonwa sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Sɛ wopɛ a, anka mɛbɔ asese abiɛsa na mede baako ama wo, na mede baako ama Mose, na mede baako ama Elia.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Awurade, ɛyɛ sɛ yɛtena ha; sɛ wopɛ a, mɛbɔ asese mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, na Elia deɛ baako.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Petro kaa sɛ, “Awurade, ɛyɛ nwanwa sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Sɛ wobɛpene so a, anka mɛbɔ asese mmiɛnsa na mede baako ama wo, na mede baako ama Mose, na mede baako ama Elia.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Awurade, eye sɛ yɛtena ha; sɛ wopɛ a, mɛbɔ asese abiɛsa wɔ ha, wo de biako, Mose de biako, na Elia de biako.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 17:4
16 Referencias Cruzadas  

Wobɛkyerɛ me nkwa kwan, a anika a ɛmee wɔ w’anim, na anigyede wɔ wo nifa hɔ daa.


Nnipa bebree bisa sɛ: Hena na ɔbɛma yɛahu papa? AWURADE, tew w'anim ma ɛnharan yɛn so.


W’aniwa behu ɔhene n’ahoɔfɛ mu, ebehu asase a ɛtrɛw haharaa.


Na ne yiye ne dɛn, na n’ahoɔfɛ ne dɛn? Aduan bɛma mmerante anyinyin na nsamono ama mmabaa nso ani agye.


Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasae.


Na ɛbae sɛ wɔrefi ne nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, eye sɛ yɛtena ha, na ma yɛmmɔ asese abiɛsa, wo de biako, Mose de biako, na Elia de biako; efisɛ na onnim nea ɔreka.


Agya, wɔn a wode wɔn ama me no, mepɛ sɛ faako a mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wonhu m’anuonyam a womaa me no, efisɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.


Na Yudafo Asesebɔ afahyɛ no abɛn.


Na mihim nneɛma abien yi ntam. Anka mepɛ sɛ mitutu ha na me ne Kristo kɔtena, efisɛ ɛno mmom na eye pa ara;


Adɔfo, afei yɛyɛ Onyankopɔn mma, na nea yɛbɛyɛ no nnya nnaa adi. Na yenim sɛ, sɛ oyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, efisɛ yebehu no sɛnea ɔte.


Na enhia sɛ owia anaa ɔsram bɛpae wɔ kurow no mu, efisɛ Onyankopɔn anuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Oguammaa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios