Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 17:21 - KYERƐW KRONKRON

21 (Nanso saa ade yi ban de, entumi ntu, gye sɛ ɛnam mpaebɔ ne mmuada so.)

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 (Nanso saa adeɛ yi deɛ, n’adeban, ɛntumi ntu gye sɛ ɛnam mpaebɔ ne mmuada so.)

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Na saa honhommɔne a ɛte sɛɛ yi de, ɛrentumi ntu da, gye sɛ monam mpaebɔ ne mmuadadi so.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 (Nanso saa adeɛ yi deɛ, n’adeban, ɛntumi ntu gye sɛ ɛnam mpaebɔ ne mmuada so.)

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Na saa honhommɔne a ɛte sɛɛ yi deɛ, ɛrentumi ntu da, gye sɛ monam mpaeɛbɔ ne mmuada die so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 (Nanso saa ade yi ban de, entumi ntu, gye sɛ ɛnam mpaebɔ ne mmuada so.)

Ver Capítulo Copiar




Mateo 17:21
10 Referencias Cruzadas  

Na ɔteɛɛm frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE me Nyankopɔn, ɔbea kunafo yi nso a mabɛsoɛ ne nkyɛn yi, wode mmusu reba no so sɛ worekum ne ba yi?


Na mede m’anim mekyerɛɛ Awurade Nyankopɔn, sɛ mede mmuada ne atweaatam ne nso merepɛ mpaebɔ ne nkotɔsrɛ.


Na ɔkɔ kɔfa ahonhom ason foforo a wɔyɛ bɔne sen no ka ne ho, na wɔbɛhyɛn mu tena hɔ; na onipa no akyiri yi asetena yɛ bɔne sen kan de no. Saa ara nso na ɛbɛyɛ nnɛ mma abɔnefo yi.


Na wɔrekyinkyin Galilea no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔrebeyi Onipa Ba no akɔhyɛ nnipa nsa,


Na Yesu see wɔn sɛ: Saa ade yi de, n’ade ban, wontumi mfa biribiara so ntu no, gye mpaebɔ [ne abuada].


Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kae sɛ: Munyi Barnaba ne Saulo mma me nkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu.


Na wosisii mpanyimfo maa wɔn, asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpae no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade a wɔagye no adi no nsa.


Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtena hɔ bere kakra, na moatu mo ho asi hɔ ama mpaebɔ, na afei moasan ahyiam bio, na ɔbonsam amfa mo honam mmerɛw so ansɔ mo anhwɛ.


adwuma ne ɔbrɛ mu, apɛsi pii mu, ɔkɔm ne sukɔm mu, mmuada pii mu, awɔw ne adagyaw mu.


na momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios