Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 16:23 - KYERƐW KRONKRON

23 Na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ: Fi me so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de na wudwen.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na ɔdanee ne ho see Petro sɛ: Firi me so, Satan! Woyɛ suntidua ma me, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ na wodwene.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu dan ne ho kaa Petro anim se, “Ɔbonsam, fi me so! Woyɛ hintidua kɛse ma me. Wudwen nnipa adwene na ɛnyɛ Onyankopɔn de.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Na ɔdanee ne ho see Petro sɛ: Firi me so, Satan! Woyɛ suntidua ma me, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ na wodwene.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu danee ne ho kaa Petro anim sɛ, “Ɔbonsam, firi me so! Woyɛ suntidua kɛseɛ ma me. Wodwene nnipa adwene na ɛnyɛ Onyankopɔn deɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ: Fi me so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de na wudwen.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 16:23
19 Referencias Cruzadas  

Na Adam de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woatie wo yere nne, na woadi dua a mehyɛɛ wo sɛ nni no bi nti, wo nti wɔadome asase. Ɛyaw mu na wubedidi so, wo nkwa nna nyinaa,


Na Dawid se: Dɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ, sɛ moyɛ me nnipa a wɔne me di asi nnɛ yi? So nnɛ wonkum obi Israel anaa? So minnim sɛ ɛnnɛ mene Israel so hene anaa?


Na Satan gyina hyɛɛ Israel, na opiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel.


Na ɔbɛyɛ kronkronbea, nso ɔbɛyɛ hintibo ne watiriw botan ama Israel afi abien no nyinaa, na wayɛ hentia ne afiri ama wɔn a wɔte Yerusalem no.


Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ofii ase kaa n’anim sɛ: Ɛmpare wo, Awurade, eyi remma wo so da.


Hintiduato nti wiase nnue! Na etwa sɛ hintiduato ba de, nanso onipa a hintiduato nam no so ba no nnue!


Ɛnna Yesu see no sɛ: Fi me so, Satan! Na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.


Na ɔdan ne ho hwɛɛ n’asuafo no kaa Petro anim sɛ: Fi me so, Satan, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de.


Na Yesu buaa no sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Sɔre Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no!


Yesu buaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mapaw mo dumien yi anaa? Na mo mu biako yɛ ɔbonsam!


Enti mommma yemmmubu yɛn ho yɛn ho atɛn bio, na mummu atɛn yi mmom sɛ obi mmfa abew anaa hintidua bi nnto hɔ mmma ne nua.


Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.


wɔn na wɔn awiei ne ɔsɛe, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn anuonyam wɔ wɔn aniwu mu, na asase so nneɛma ho na wodwen.


Munnwen nea ɛwɔ soro, na ɛnyɛ nea ɛwɔ asase so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios