Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 16:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Na me nso mise wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo besi, na asaman apon remmu mfa so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na me nso mese wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo bɛsie, na Asamando apono remmu mfa so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Wone Petro, Ɔbotan, na ɔbotan yi so na mede mʼasafo besi, na tumi a ɛwɔ ɔbonsam gya mu no rentumi mmubu no da.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Na me nso mese wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo bɛsie, na Asamando apono remmu mfa so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Wone Petro, Ɔbotan, na ɔbotan yi so na mede mʼasafo bɛsie, na tumi a ɛwɔ ɔbonsam gyam no rentumi mmubu no da.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na me nso mise wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo besi, na asaman apon remmu mfa so.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 16:18
42 Referencias Cruzadas  

Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede ɔbo bi atim Sion, ɔbo a wɔasɔ no ahwɛ, twea bo a ne bo yɛ den a etim hɔ tim pa ara, nea ogye di no renguan.


Na ɔno ne nipadua a ɛne asafo no ti; ɔne mfiase, awufosɔre mu farebae, sɛ ɔnyɛ ade nyinaa mu kannifo.


Na ɔde no baa Yesu nkyɛn. Na Yesu huu no no, ɔkae sɛ: Wone Simon, Yohane ba, wɔbɛfrɛ wo Kefa (ne nkyerɛase ne Petro.)


Enti sɛ yɛanya ahenni a ɛnwosow yi, momma yɛmfa aseda mmra, mfa so nsom Nyankopɔn sɛnea ɛsɔ n’ani wɔ fɛre ne ahodaso mu.


na woyii Nyankopɔn ayɛ, na wɔwɔ anuonyam ɔman no nyinaa anim. Na Awurade de wɔn a wɔregye wɔn nkwa kaa asafo no ho daa.


na sɛ ebia mekyɛ a, woahu sɛnea ɛsɛ sɛ wubu wo bra Onyankopɔn fi a ɛyɛ Onyankopɔn teasefo asafo, nokware dum ne nnyinaso no mu.


Akode biara a wɔbɔ tia wo no renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ; ɛno ne AWURADE nkoa agyapade ne wɔn trenee a efi me no, AWURADE asɛm ni.


Ahintasɛm yi so, na me de, meka no Kristo ne asafo no ho.


sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpanyinni ne tumi horow a ɛwɔ ɔsoro hɔnom nhu Onyankopɔn nyansa horow bebree no,


Nyansa korɔn dodo ma ogyimifo, ommue n’ano kurow pon mu.


So wɔayi owu aponkɛse adi akyerɛ wo, anaasɛ woahu esum kabii abobow no?


Na kurow no fasu wɔ nnyinaso dumien a Oguammaa no asomafo dumien no din wowɔ so.


Na Saulo nso penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛse baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsaase so, gye asomafo no nko.


AWURADE, hu me mmɔbɔ, hwɛ m’amane a efi m’atamfo, wo a woma me so fi owu abobow ano,


Na sɛ obi nhu ne fi so hwɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛhwɛ Onyankopɔn asafo so?


Na wohuu adom a wɔde ama me no, Yakob ne Kefa ne Yohane a wobu wɔn sɛ adum no teɛɛ ayɔnkofa nsa nifa maa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufo mu, na wɔn de, wɔnka no twetiatwafo mu,


Na sɛ wantie wɔn nso a, kɔka kyerɛ asafo no. Na sɛ wantie asafo no nso a, ɛnne bu no sɛ ɔbosonsonni ne towgyeni.


Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ soro anaa? Hwɛ wɔbɛbrɛ wo ase akɔ Asamando; efisɛ tumide a wɔayɛ no wo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Sidon a, anka ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.


Na asomafo dumien no din ni: Nea odi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro, ne ne nua Andrea; Yakob a ɔyɛ Sebedeo ba no, ne ne nua Yohane,


Wɔn a wɔtete kurow pon mu ka me ho asɛm, na asanomfo de me to dwom.


Nhyira na mehyira wo, na ɔdɔ na mɛma w'asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nwea, na w'asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow ano apon adi so;


Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛnee ne torobɛnto no. Na ɛnne akɛse gyigyegyigyei ɔsoro sɛ: Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.


O owu, wo nkunim wɔ he? Owu, wo nwowɔee wɔ he?


Me de, mekae sɛ: Me nna mfinimfini na merekɔ asaman abobow ano, wɔregye me nsam me mfe nkae.


ne atemmu honhom ama nea watena ase rebu atɛn no, ne mmaninyɛ ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsan kɔ wɔn kurow pon ano no.


Wɔn kra kyi aduan nyinaa, na wɔbɛn owu abobow ano.


Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nea eye mo ani so no, mɛyɛ. Na ɔhene gyinaa kurow pon no nkyɛn, na dɔm no nyinaa fii adi, ɔha ha ne mpem mpem so.


Nhyira ne ɔbarima a wɔahyɛ n’agyan kotoku ma, wɔne atamfo di, kurow pon mu a, wɔn ani renwu.


wɔahiahia me ho pii fi me mmofraase, nanso wɔantumi me.


misian mekɔɔ mmepɔw ntini ho tɔnn mekɔɔ asamando na wɔkaa me too koransan kosii daa, nanso wo AWURADE yii me fii owu amoa mu, AWURADE me Nyankopɔn.


Na Yesu nenam Galilea po ho no, ohuu anuanom baanu, Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asawu ɛpo mu; na wɔyɛ apofofo.


Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no mɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban ɔbotan so no ho.


Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa mogya anya wɔn no yiye.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios