Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 16:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na Yesu duu Kaesarea Filipi fam no, obisaa n’asuafo no sɛ: Nnipa ka sɛ Onipa Ba no ne hena?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na Yesu duruu Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Nnipa se Onipa Ba no ne hwan?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Bere a Yesu baa Kaesarea Filipi fam no, obisaa nʼasuafo no se “Nnipa ka se Onipa Ba no ne hena?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na Yesu duruu Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Nnipa se Onipa Ba no ne hwan?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ɛberɛ a Yesu baa Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Nnipa ka sɛ Onipa Ba no ne hwan?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na Yesu duu Kaesarea Filipi fam no, obisaa n’asuafo no sɛ: Nnipa ka sɛ Onipa Ba no ne hena?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 16:13
23 Referencias Cruzadas  

Mede hwɛ, anadwo adehu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro amununkum mu reba, na oduu nea ne nna akyɛ no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim.


Na nea ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron de, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.


Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bedi asase ase nnansa awia ne anadwo.


na onipa ba no yɛ homeda wura.


Na obua see wɔn sɛ: Nea ogu aba pa no ne onipa ba no;


Onipa ba no bɛsoma n’abɔfo na wɔakɔboaboa hintidua ne wɔn a wodi nsɛmmɔne nyinaa ano afi n’ahenni mu,


Na Yesu fi hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam.


Na Onipa Ba no de n’agya anuonyam ne n’abɔfo na ɛbɛba; ɛno na obetua onipa biara ka sɛnea ne nneyɛe te.


Nokware mise mo sɛ: Nnipa bi gyina ha a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahenni mu.


Na Onipa Ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’anuonyam ahengua so.


Na Yesu see no sɛ: Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.


Na nea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ onipa ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fi!


Na onipa ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.


Na obiara a n’ani bewu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefo ne nnebɔneyɛfo yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfo kronkron no bɛba wɔ n’agya anuonyam mu no.


Na osee no sɛ: Mereka akyerɛ mo nokwarem pa ara sɛ, mubehu ɔsoro sɛ abue, na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian Onipa Ba no so.


Nkurɔfokuw no buaa no sɛ: Yɛn de, yɛate mmara no mu sɛ, Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wuse: Etwa sɛ wɔma Onipa Ba no so? Hena ne Onipa Ba yi?


Na sɛnea Mose maa ɔwɔ no so sare so no, saa ara na etwa sɛ wɔma Onipa Ba no so,


na wama no tumi sɛ ommu atɛn nso, efisɛ ɔyɛ Onipa Ba.


Yesu a ofi Nasaret: sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na okyinii yɛɛ yiye, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn so no yare, efisɛ Onyankopɔn ka ne ho.


na ɔkae sɛ: Hwɛ, mihu soro sɛ abue, na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nifa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios