Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 15:23 - KYERƐW KRONKRON

23 Nanso wammua no. Na n’asuafo no bae bɛsrɛɛ no sɛ: Gya no kwan na ɔnkɔ, na ɔteɛteɛm di yɛn akyi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Nanso wammua no. Na n’asuafoɔ no ba bɛsrɛɛ no sɛ: Gya no kwan ma no nkɔ, na ɔreteateam di yɛn akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu anka hwee. Nʼasuafo no hyɛɛ no sɛ ɔmpam ɔbea no mfi hɔ. Wotii mu ka kyerɛɛ no se, “Ka kyerɛ no na omfi ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Nanso wammua no. Na n’asuafoɔ no ba bɛsrɛɛ no sɛ: Gya no kwan ma no nkɔ, na ɔreteateam di yɛn akyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu anka hwee. Nʼasuafoɔ no hyɛɛ no sɛ ɔmpam ɔbaa no mfiri hɔ. Wɔtii mu ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Ka kyerɛ no na ɔmfiri ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Nanso wammua no. Na n’asuafo no bae bɛsrɛɛ no sɛ: Gya no kwan na ɔnkɔ, na ɔteɛteɛm di yɛn akyi.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 15:23
8 Referencias Cruzadas  

Na onwini dwoe no, n’asuafo no baa ne nkyɛn besee no sɛ: Ɛha yi yɛ sare so na onwini nso adwo, gya nkurɔfo akuwakuw no kwan na wɔnkɔ nkuraa nkɔtɔ aduan nni.


mpo sɛ meteɛm na misu mefrɛ no a, osiw me mpaebɔ kwan;


AWURADE, wo na misu mefrɛ wo, me botan, mmua w’ano wɔ me ho; anyɛ saa na wumua w’ano wɔ me ho a, mɛyɛ sɛ wɔn a wosian kɔ Amoa mu no.


Na kae ɔkwan a AWURADE wo Nyankopɔn ma wonantew so mfirihyia aduanan yi sare so no nyinaa, sɛ ɔrebrɛ wo ase asɔ wo ahwɛ, na wahu nea ɛwɔ wo koma mu, sɛ wubedi ne mmara nsɛm so anaasɛ worenni.


Na Yosef ani bɔɔ ne nuanom no anim no, ohuu wɔn, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔnanani wɔ wɔn anim, na opoopoo n'ani kasa kyerɛɛ wɔn sɛ ɛhe na mufi bae? Na wose: Yefi Kanaan asase so na yɛbaa aduantɔ.


Na hwɛ, Kanaanni bea bi a ofi mpɔtam hɔ bae bɛteɛteɛɛm sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi rehaw me babea dodo!


Na Yesu buae sɛ: Israel fi nguan a ayera no nko ara nkyɛn na wɔsomaa me.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios