Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 15:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na obuae sɛ: Dua biara a ɛnyɛ me soro agya na oduae no, wobetu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na ɔbuaa sɛ: Dua biara a ɛnyɛ me soro Agya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Yesu buaa wɔn se, “Dua biara a ɛnyɛ mʼagya na oduae no, wobetu akyene.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔbuaa sɛ: Dua biara a ɛnyɛ me soro Agya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Yesu buaa wɔn sɛ, “Dua biara a ɛnyɛ mʼagya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu atwene.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na obuae sɛ: Dua biara a ɛnyɛ me soro agya na oduae no, wobetu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 15:13
11 Referencias Cruzadas  

Wɔn a wɔtɛw wɔn AWURADE fi no bɛfefɛw yɛn Nyankopɔn abangua so.


Na wo man de, wɔn nyinaa bɛyɛ treneefo, wobedi asase no so akosi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua dubaa a afefɛw, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me anuonyam.


menhyehyɛ Sion nkɔmmɔdifo memma wɔnnɛnsow nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo minsi nkɔmmɔdi ananmu, memma wɔn ayeyi ntade minsi honhom a watɔ beraw ananmu, na wɔmfrɛ wɔn trenee nnua, AWURADE tɛw nnua a ɛhyɛ no anuonyam.


Ɛnna n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wunim sɛ Farisifo no tee asɛm yi no, ato wɔn hintidua?


Mene nokware bobe no, na m’Agya ne okuafo no.


Me ho baa biara a ɛnsow aba no, oyi; na ebiara a ɛsow aba no, oyiyi ho, na asow aba bebree.


Sɛ obi antena me mu a, wɔtow no kyene sɛ baa, na ewu; na wɔboaboa ano de kogu gya mu, na ɛhyew.


Na yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛfo; a yɛne no bom yɛ adwuma, moyɛ Onyankopɔn afuw, Onyankopɔn dan.


Eyinom yɛ mo dɔ adidi mu nkekae, wɔne mo redidi, wɔmfɛre ade, wɔyɛn wɔn ho; wɔyɛ omununkum a nsu nni mu a mframa twetwe kyinkyin, nnua a ɛso nhaban aporow a enni aba na awuwu mprenu a ne ntini atutu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios