Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 15:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Muntie, na monte ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie, na monte aseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Afei Yesu frɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ wɔn se, “Muntie nea meka no na mommɔ mmɔden nte ase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie, na monte aseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Afei, Yesu frɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montie deɛ meka no na mommɔ mmɔden nte aseɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Muntie, na monte ase.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 15:10
13 Referencias Cruzadas  

Na Mikaia kae sɛ: Sɛ wosan ba dwoodwoo a, ɛnne ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasae. Na ose: Mo aman nyinaa, muntie!


Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, muntie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam: Dawid adɔeyɛde a esi hɔ pintinn no.


Na ose: Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ: Ɔte ara na monte, na monnte ase, na ohu ara na munhu, na munnhu mu.


Obiara a ɔte ahenni no ho asɛm na ɔnte ase no, ɔbɔne no ba behwim nea wɔagu ne koma mu no; oyi ne nea woguu no kwankyɛn no.


Ɛnyɛ nea ɛkɔ anom na egu onipa ho fi, na mmom nea efi anom ba na egu onipa ho fi.


Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.


Enti sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no, sɛ egyina kronkronbea hɔ a, (nea ɔrekenkan no, ma ɔnte ase!)


Ɛno na obuee wɔn adwene mu ma wɔtee kyerɛw nsɛm no ase.


Mebɔ mpae sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, anuonyam Agya no, mma mo nyansa ne adiyi honhom wɔ ne ho nimdeɛ mu,


Ne saa nti, yɛn nso, efi da a yɛtee no, yennyaee mo ti so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom, nyansa ne ntease nyinaa mu,


Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na ɔde bɛma no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios