Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 14:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na wodii Herode awoda no, Herodia babea bɛsawee wɔn anim na ɛyɛɛ Herode fɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na Herode awoda duruiɛ no, Herodia babaa bɛsaa wɔn anim na ɛyɛɛ Herode fɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛbaa sɛ na Herode redi nʼawoda. Awoda no ase na Herodia babea bɛsaw ma a ɛyɛɛ Herode fɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na Herode awoda duruiɛ no, Herodia babaa bɛsaa wɔn anim na ɛyɛɛ Herode fɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛbaa sɛ na Herode redi nʼawoda. Awoda no ase Herodia babaa bɛsa ma ɛyɛɛ Herode fɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na wodii Herode awoda no, Herodia babea bɛsawee wɔn anim na ɛyɛɛ Herode fɛ.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 14:6
21 Referencias Cruzadas  

Na da a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ Farao awoda no, ɔtow ne nkoa nyinaa pon, na oyii nsahyɛfo so panyin ne abodootofo so panyin no de wɔn baa ne nkoa anim;


Ɛnna ɔhene no tow pon kɛse maa ne mmapɔmma ne ne nkoa nyinaa. Eyi ne Ester apontow. Na ɔde amantam no tow kyɛɛ wɔn, na ɔkyekyɛɛ ade sɛnea ɛfata ɔhene.


Na Herode aso Yohane mu akyere no de no akɔto afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti.


Ɛno nti Herode kaa ntam hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no biribiara a obebisa.


sɛ: Kyerɛkyerɛfo, Mose kae sɛ: Sɛ obi wu na onni mma a, ne nua nware ne yere no, na ɔnwo mma ne nua no.


Na ɔhene Herode tee; efisɛ na Yesu din atrɛw, na ɔkae sɛ: Yohane a anka ɔbɔ asu no anyan afi awufo mu, enti na ahoɔdenne yi yɛ adwuma wɔ no mu.


Na Herode no ara asoma ama wɔabɛsɔ Yohane mu akyere no ato afiase ne nua Filipo yere Herodia nti, efisɛ waware no.


Na Herodia nyaa no menasepɔw, na ɔpɛe sɛ okum no, nanso wantumi.


Na Yesu see wɔn sɛ: Hwɛ, monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Herode mmɔkaw ho!


Ɛdɔn no ara mu na Farisifo bi bae besee no sɛ: Fi ha kɔ! Na Herode pɛ wo akum wo.


Na Herode ne ne dɔm bɔɔ no adapaa, goruu ne ho, na ɔhyɛɛ no atade hanahana bi de no kɔmaa Pilato bio.


Na ohui sɛ ofi Herode asase so no, ɔma wɔde no kɔmaa Herode; na nna no mu no, na ɔno ankasa nso wɔ Yerusalem.


Na Kaesare Tiberio ahenni afe a ɛto so dunum mu no, na Pontio Pilato di Yudea amrado, na Herode di Galilea mansinhene, na ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti asase so, Lisania di Abilene mansinhene,


Na ɔmansinhene Herode, ne nua yere Herodia ho bɔne a wayɛ a Yohane kaa n’anim nti,


ne Yohana, Herode fiepanyin Kusa yere, ne Susana ne afoforo bebree a wɔde wɔn ahode bi som no.


Saa bere yi ara na ɔhene Herode teɛɛ ne nsa yɛɛ asafo no mu nnipa bi ayayade.


Na wohyiae ampa tiaa w’abofra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios