Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 13:57 - KYERƐW KRONKRON

57 Na ɔyɛɛ hintidua maa wɔn. Na Yesu see wɔn sɛ: Nidi mmɔ odiyifo, gye ne kurom ne ne fi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

57 Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn. Na Yesu see wɔn sɛ: Anidie mmɔ odiyifoɔ, gye ne kurom ne ne fie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

57 Wɔn bo fuw no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Odiyifo wɔ anuonyam baabiara, gye ne man mu anaa ne nkurɔfo mu!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

57 Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn. Na Yesu see wɔn sɛ: Anidie mmɔ odiyifoɔ, gye ne kurom ne ne fie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

57 Wɔn bo fuu no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Odiyifoɔ wɔ animuonyam baabiara, agye ne ɔman mu anaa ne nkurɔfoɔ mu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

57 Na ɔyɛɛ hintidua maa wɔn. Na Yesu see wɔn sɛ: Nidi mmɔ odiyifo, gye ne kurom ne ne fi.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 13:57
19 Referencias Cruzadas  

Saa na AWURADE, Israel dimafo, ne kronkronni no ka kyerɛ nea wobu ne kra animtiaa, nea ɔman kyi no, nea ɔyɛ nhyɛsofo akoa no sɛ: Ahene behu, na wɔasɔresɔre, asafohene nso na wɔakotow asɔre, AWURADE a ɔyɛ ɔnokwafo, Israel kronkronni a ɔpaw wo no ntia.


Wobuu no animtiaa, na nnipa paa no, ɔyɛ onipa a ohuu ayayade na onim yare, sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hintaw no, wobuu no animtiaa na yɛammu no hwee.


Na ɔbɛyɛ kronkronbea, nso ɔbɛyɛ hintibo ne watiriw botan ama Israel afi abien no nyinaa, na wayɛ hentia ne afiri ama wɔn a wɔte Yerusalem no.


Na nhyira ne nea merento no hintidua.


Na wɔn gye a wonnye nni nti wanyɛ tumi nnwuma pii wɔ hɔ.


Na Yesu fii hɔ kɔe, na ɔbaa ne kurom; na n’asuafo no dii n’akyi.


Na ɔhene Herode tee; efisɛ na Yesu din atrɛw, na ɔkae sɛ: Yohane a anka ɔbɔ asu no anyan afi awufo mu, enti na ahoɔdenne yi yɛ adwuma wɔ no mu.


Ɛnyɛ duadwumfo yi ɔyɛ Maria ba no, Yakob ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no ni? Na ɛnyɛ ne nuammeanom na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ hintidua maa wɔn.


Na Yesu see wɔn sɛ: Nidi mmɔ odiyifo, gye ne kurom ne n’abusuafo mu ne ne fi.


Ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, wɔmpɛ odiyifo biara agye no n’agya kurom.


na nhyira ne nea merenyɛ no hintidua.


Na Yesu ankasa dii adanse sɛ odiyifo nni nidi n’ankasa ne kurow mu.


na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ oyi ne Yesu, Yosef ba a yenim n’agya ne ne na no? Ɛyɛɛ dɛn na afei ose: Masian mafi soro maba?


Na Yesu tee nka ne mu sɛ n’asuafo renwiinwii eyi ho no, osee wɔn sɛ: Eyi to mo hintidua anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios