Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 13:54 - KYERƐW KRONKRON

54 Na ɔkɔɔ n’agya kurom no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, wɔn hyiadan mu ma ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na wɔkae sɛ: Ɛhe na oyi de nyansa ne tumi nnwuma yi fi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

54 Na ɔkɔɔ ɔno ara ne kurom no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, wɔn hyiadan mu maa no yɛɛ wɔn ahodwiri, na wɔkaa sɛ: Ɛhe na oyi de nyansa ne tumi nnwuma yi fire?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

54 Ɔkɔɔ ne kurom Nasaret. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu maa wɔn a wotiee no no ho dwiriw wɔn. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhe na saa ɔbarima yi konyaa nyansa a ɔde yɛ anwonwade sɛɛ yi?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

54 Na ɔkɔɔ ɔno ara ne kurom no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, wɔn hyiadan mu maa no yɛɛ wɔn ahodwiri, na wɔkaa sɛ: Ɛhe na oyi de nyansa ne tumi nnwuma yi fire?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

54 Ɔkɔɔ ne kurom Nasaret. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu maa wɔn a wɔtiee no no ho dwirii wɔn. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛhe na saa ɔbarima yi kɔnyaa nyansa a ɔde yɛ anwanwadeɛ sɛɛ yi?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

54 Na ɔkɔɔ n’agya kurom no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, wɔn hyiadan mu ma ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na wɔkae sɛ: Ɛhe na oyi de nyansa ne tumi nnwuma yi fi?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 13:54
14 Referencias Cruzadas  

Na ɛbae sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn,


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa yare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.


Na ɔba bɛtenaa kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na nea odiyifo no kae no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni.


Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom, mɛkamfo wo asafo mu.


Na Paulo ne Barnaba de akokoduru kae sɛ: Ehia sɛ anka wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kan; na esiane sɛ musum kyene na mubu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdan kɔ amanaman no nkyɛn.


Na wohuu Petro ne Yohane akokoduru, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wohuu wɔn sɛ wɔne Yesu na ɛnantewee.


Ɔbaa n’ankasa ne de mu, na wɔn a wɔyɛ n’ankasa de no annye no.


Na wɔn a wonim no kan no nyinaa huu no sɛ ɔrehyɛ nkɔm adiyifo mu no, nkurɔfo no sisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Dɛn ne nea ayɛ Kis ba no yi? So Saul nso fra adiyifo no mu anaa?


Na wɔn a wotiee no nyinaa, ne nyansa ne ne mmuae yɛɛ wɔn nwonwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios