Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 13:44 - KYERƐW KRONKRON

44 Ɔsoro ahenni no te sɛ ademude bi a wɔde asie afuw mu; ɛno na onipa bi kohui, na ɔkataa so, na ɛho anigye nti ɔkɔ kɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuw no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

44 Ɔsoro ahennie no te sɛ agyapadeɛ bi a wɔde asie afuo mu; ɛno na onipa bi kɔhunuiɛ, na ɔkataa soɔ, na ɛho anigyeɛ nti, ɔkɔ kɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuo no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Yesu toaa mmebu no so se, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ ademude bi a obi kohuu wɔ afuw bi mu. Ɔkataa so, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahode nyinaa, de kɔtɔɔ afuw no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

44 Ɔsoro ahennie no te sɛ agyapadeɛ bi a wɔde asie afuo mu; ɛno na onipa bi kɔhunuiɛ, na ɔkataa soɔ, na ɛho anigyeɛ nti, ɔkɔ kɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Yesu toaa abɛbuo no so sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ademudeɛ bi a obi kɔhunuu wɔ afuo bi mu. Ɔkataa so, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahodeɛ nyinaa, de kɔtɔɔ afuo no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

44 Ɔsoro ahenni no te sɛ ademude bi a wɔde asie afuw mu; ɛno na onipa bi kohui, na ɔkataa so, na ɛho anigye nti ɔkɔ kɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuw no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 13:44
29 Referencias Cruzadas  

Ɔdesani nnim ne bo, na wonhu ateasefo asase so.


Nyansa nya ye sen sika dɛn ara, na nhumu nya sɛ sɛ wɔpaw sen dwetɛ.


Ɛdɛn nti na sika wɔ ɔkwasea nsam, sɛ ɔde bɛtɔ nyansa, bere a onni ti?


Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa, na ade pa biara ho yɛ no ahi.


Tɔ nokware, na ntɔn, nyansa ne nteɛso ne nhumu nso.


Mommra o, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsu ho, na mo a munni sika no mommra mmɛtɔ, na munni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufusu; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na enni bo nso.


Obuu wɔn bɛ foforo sɛ: Ɔsoro ahenni te sɛ onipa bi a oguu aba pa n’afuw mu.


na ohuu ahene biako a ne bo yɛ den no, ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.


Ebio, ɔsoro ahenni te sɛ asawu a wɔde guu po mu na ebumaa nam horow nyinaa bi;


Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn nea wowɔ, na fa ma ahiafo, na woanya agyapade wɔ ɔsoro, na bra bedi m’akyi!


Ɛnna Petro bua see no sɛ: Hwɛ, yɛagyaw ade nyinaa abedi w’akyi. Dɛn ara na yebenya?


Na obiara a me din nti wagyaw ofi, nuammarima anaa nuammea, agya anaa ɛna anaa mma anaa nsaase no, obenya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa.


na nea w’agyapade wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.


Saa ara nso na mo mu biara a onnyaw nea ɔwɔ nyinaa ntumi nyɛ me suani.


Na Yesu see wɔn sɛ: Mene nkwa abodoo no; nea ɔba me nkyɛn no, ɔkɔm renne no da, na nea ogye me di no, osukɔm renne no da.


Na biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.


Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapade nyinaa akora.


Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree; monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho nyansa nyinaa mu, momfa sanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛw so wɔ mo koma mu mma Onyankopɔn.


Na momaa nneduafo amane kaa mo, mode anigye nso penee mo nneɛma fow sɛ munim sɛ mowɔ ahode a eye kyɛn so, ɔsoro a ɛtena hɔ no mu.


Mitu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔbere ho ogya mu, na woanya ade, ne atade fitaa na woahyɛ, na w’adagyaw ahohora anna adi, ne aniduru a wode bɛsra w’aniwa, na woahu ade.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios