Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 13:39 - KYERƐW KRONKRON

39 ɔtamfo a ogui no ne ɔbonsam; twa bere no ne wiase awiei; twafo no ne abɔfo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

39 ɔtamfoɔ a ɔguiɛ no ne ɔbonsam; twa berɛ no ne wiase awieeɛ; twafoɔ no ne abɔfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 Ɔtamfo a oduaa nwura fraa aburow no ne ɔbɔnefo no. Otwabere no yɛ wiase awiei; atwafo no ne abɔfo no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

39 ɔtamfoɔ a ɔguiɛ no ne ɔbonsam; twa berɛ no ne wiase awieeɛ; twafoɔ no ne abɔfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 Ɔtamfoɔ a ɔduaa ewira fraa aburoo no ne ɔbɔnefoɔ no. Otwa berɛ no yɛ ewiase awieeɛ; atwafoɔ no ne abɔfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

39 ɔtamfo a ogui no ne ɔbonsam; twa bere no ne wiase awiei; twafo no ne abɔfo.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 13:39
29 Referencias Cruzadas  

Sɛnea ɛbɛyɛ wiase awiei no mu ara ne no. Abɔfo no bɛba abɛpaw nnipa bɔne afi atreneefo mu,


Na Onipa Ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’anuonyam ahengua so.


Momfa kantankrankyi nhyɛ mu, na nea wotwa ahoa. Mommra mmetiatia so, na nsa-kyi-amoa no ayɛ ma, nkuku no ayɛ ma abu so, na wɔn bɔne adɔɔso.


Na wɔkyeree aboa no ne diyifo atorofo no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnne de daadaa wɔn a wogyee aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no kaa ne ho. Wɔtow wɔn baanu yi animono guu ogya tare a sufre dɛw mu no mu.


Na nsɛnkyerɛnne a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ aboa no anim no nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase so no ka kyerɛ asase sotefo no sɛ wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrante apira no na ɔte ase bio no.


Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.


Na ɔte Ngo Bepɔw so no, asuafo no baa ne nkyɛn wɔ ɔfa baabi bɛkae sɛ: Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛyɛ hɔ, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?


Na bere a obiara ada no, ɔtamfo bae beguu wura bɔne bi awi no mu, na ofii hɔ kɔe.


Eyinom ho na Enok nso a ɔto Adam so ason hyɛɛ nkɔm de too hɔ sɛ: Hwɛ, Awurade ne n’ahotefo mpempem reba


Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.


ɛnne anka ɛsɛ no sɛ ɔtaa hu amane fi wiase fapem, na afei a wiase mmere rewie du yi, wayi ne ho adi prɛko sɛ ɔnam afɔre a ɔde ne ho bɔe so beyi bɔne.


na kan no monantewee sɛnea wiase abrabɔ te ne sɛnea wim tumi no panyin no te, honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma, asoɔden mma mu no.


Nanso misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam ahofama no ho.


Na yɛnte sɛ nnipa bebree a wɔnenam tɔn Onyankopɔn asɛm no, na mmom sɛ wɔn a woyi wɔn yam kasa, Onyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu Onyankopɔn anim.


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔtamfo bi na wayɛ saa. Na nkoa no bisaa no sɛ: Ɛnne wopɛ sɛ yɛkɔ kɔboaboa ano anaa?


ogya te sɛ asubɔnten sen fi n’anim bae, mpem mpem som no, na ɔpedu huhaa gyina n’anim, wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wobuebuee nhoma no mu.


Na nea ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron de, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.


Na nea woguu no nsɔe mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonyade nnaadaa mia asɛm no, na ɛnsow aba.


Enti sɛnea wɔboaboa wura no ano na wɔde ogya hyew no, saa ara na ɛbɛyɛ wiase awiei.


Na eyinom nyinaa sii na ayɛ kɔkɔbɔ ama wɔn, na wɔakyerɛw no sɛ afotu ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi.


nna a edi akyiri yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nneɛma nyinaa so ɔdedifo, a ɔnam no so nso abɔ wiase nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios