Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 13:25 - KYERƐW KRONKRON

25 Na bere a obiara ada no, ɔtamfo bae beguu wura bɔne bi awi no mu, na ofii hɔ kɔe.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Na ɛberɛ a na obiara ada no, ɔtamfo bi ba bɛguu wura bɔne bi ayuo no mu, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Da koro anadwo a wada no, ne tamfo nso beduaa nwura fraa aburow a wadua no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Na ɛberɛ a na obiara ada no, ɔtamfo bi ba bɛguu wura bɔne bi ayuo no mu, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Ɛda koro anadwo a wada no, ne ɔtamfoɔ nso bɛduaa wira fraa aburoo a wadua no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na bere a obiara ada no, ɔtamfo bae beguu wura bɔne bi awi no mu, na ofii hɔ kɔe.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 13:25
19 Referencias Cruzadas  

Na ɔsɔree ɔdasu mu bɛfaa me ba no wɔ me nkyɛn, nso na w’afenaa ada, na ɔde no too ne kokom, na ɔde ne ba a wawu no bɛtoo me kokom.


Obuu wɔn bɛ foforo sɛ: Ɔsoro ahenni te sɛ onipa bi a oguu aba pa n’afuw mu.


Na eyii ahaban na ɛsow aba no, ɛnna wura bɔne no nso daa adi.


Na afuwura no nkoa baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Owura, ɛnyɛ aba pa na wugui w’afuw no mu? Na wura bɔne yi de, efi he?


Ɛnna ose: Dabi, anyɛ a, moreboaboa wura bɔne no ano no, na moatu awi no bi afra mu.


Momma n’abien no nyinaa nnyin nkosi twa bere, na twa bere no mu na mɛka makyerɛ twafo no sɛ: Mommoaboa wura bɔne no ano kan, na monkyekyere no afiafi mma wɔnkɔhyew, na awi no de, mommoaboa ano nkogu me san so!


ɔtamfo a ogui no ne ɔbonsam; twa bere no ne wiase awiei; twafo no ne abɔfo.


Na ayeforokunu no kyɛe no, wɔn nyinaa ani kumii na wɔdedae.


Na ɛyɛ anuanom atorofo a wofi baabi bae no ntia; wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛhwehwɛ yɛn adehyedi a yɛwɔ Kristo Yesu mu no ho kwan, na wɔde yɛn akɔ nkoayɛ mu.


Na monhwɛ yiye na obi amfi Nyankopɔn adom ho anka akyiri, na wanyɛ sɛ ntini nwenewene bi amfifi anyɛ ɔhaw biara, na amfa nkekae ammɛkeka nnipa bebree,


Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.


Na adiyifo atorofo nso wɔ ɔman no mu, sɛnea akyerɛkyerɛfo atorofo bɛba mo mu nso. Wɔn na wɔde ɔsɛe fekusɛm bɛba abɛhyɛ mu, na wɔapa Awurade a ɔtɔɔ wɔn na ogyee wɔn no po, na wɔde ɔsɛe a ɛba ntɛmntɛm aba wɔn ho so.


Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.


Na nsɛnkyerɛnne a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ aboa no anim no nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase so no ka kyerɛ asase sotefo no sɛ wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrante apira no na ɔte ase bio no.


Nanso mewɔ wo ho asɛm, sɛ woma ɔbea Yesebel a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifo no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ na ɔnnaadaa me nkoa na wɔmmɔ aguaman na wonni nam a wɔakum ama abosom.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios