Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 13:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Na nea woguu no nsɔe mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonyade nnaadaa mia asɛm no, na ɛnsow aba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na deɛ wɔguu no nkasɛɛ mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwene ne haw ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm no, na ɛnso aba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wotie asɛm no, nanso wiase yi mu abrabɔ mu haw ne agyapade ho dadwen nti ɛmma asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Na deɛ wɔguu no nkasɛɛ mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwene ne haw ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm no, na ɛnso aba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔtie asɛm no, nanso ewiase yi mu abrabɔ mu haw ne agyapadeɛ ho dwene enti, ɛmma asɛm no ntumi nnyɛ wɔn mu adwuma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na nea woguu no nsɔe mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonyade nnaadaa mia asɛm no, na ɛnsow aba.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 13:22
42 Referencias Cruzadas  

Hwɛ, onipa a wamfa Onyankopɔn anyɛ n’ahoɔden, na ɔde ne ho too n’ahode bebree no so, na ɔhyɛɛ ne ho den, n’anibere mu, no ni.


Mommfa mo ho nnto amimdi so, na monnyɛ dwowtwa ho ahupoo; sɛ ahonyade dɔ a, mommfa mo koma nnto so.


Nea ɔde ne ho to n’ahonyade so no bɛhwe ase, na treneefo bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahaban.


So wobɛma w’ani adi nea enni hɔ akyi? Na ahonyade fuw ntaban tu sɛ ɔkɔre a otu kɔ ɔsoro.


Obiako wɔ hɔ na obi nka ne ho, nso onni ba anaa onua, nanso ne brɛ nyinaa nni awiei, ahonya nso mmee n’aniwa. Na hena po na merebrɛ na merekame me kra nnepa mama no? Eyi nso, ahuhude ne ɔhaw bɔne ne no.


Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Yudafo ne Yerusalem ni: Monnɔw adɔw foforo mfa, na munngu nguare wɔ mu.


Na nea ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron de, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.


ɔtamfo a ogui no ne ɔbonsam; twa bere no ne wiase awiei; twafo no ne abɔfo.


Enti sɛnea wɔboaboa wura no ano na wɔde ogya hyew no, saa ara na ɛbɛyɛ wiase awiei.


Ebi nso koguu nsɔe mu; na nsɔe no nyinii, na emiaa no.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yiye pɛpɛe ho! Na ɛnyɛ onipa ade a wanya na aboro so no mu na ne nkwa wɔ.


Saa ara na nea ɔhyehyɛ ademude ma ne ho na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no te.


Na monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri,


Na nea eguu nsɔe mu no ne wɔn a wɔte, na wɔnam asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonya ne anigyede mu na emia wɔn, na wɔn aba no mmere yiye.


Na Simon hui sɛ ɛnam asomafo no nsa a wɔde gu obi so no so na wɔde Honhom no ma no, ɔde sika brɛɛ wɔn kae sɛ:


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


Onyansafo wɔ he? Kyerɛwfo wɔ he? Wiase kyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn nnan wiase nyansa nkwaseasɛm anaa?


Nanso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔdi mu, na ɛyɛ nyansa a ɛnyɛ wiase yi de, na ɛnyɛ wiase atumfo a wobeyi wɔn hɔ no de,


Nea wiase yi atumfo mu biara anhu, na sɛ wohui a, anka wɔammɔ anuonyam Awurade no asɛnnuam,


Obiara nnnaadaa ne ho. Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ onyansafo mo mu wiase a, ma ɔnyɛ ɔkwasea, na wayɛ onyansafo.


wɔn mu na wiase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.


Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho mae, na wayi yɛn afi wiase bɔne yi mu, sɛnea yɛn Agya Onyankopɔn pɛ no te.


na kan no monantewee sɛnea wiase abrabɔ te ne sɛnea wim tumi no panyin no te, honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma, asoɔden mma mu no.


Kasa kyerɛ adefo a wɔwɔ wiase sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn nneɛma nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so,


Efisɛ Dema apɛ mprempren wiase agyaw me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios