Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 13:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Obiara a ɔte ahenni no ho asɛm na ɔnte ase no, ɔbɔne no ba behwim nea wɔagu ne koma mu no; oyi ne nea woguu no kwankyɛn no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Obiara a ɔte ahennie no ho asɛm, na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; oyi ne deɛ wɔguu no kwankyɛn no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm no, na wɔnte ase no te sɛ aba a eguu ɔkwan mu no. Ɔbɔnefo no ba, behwim nea wɔadua wɔ wɔn koma mu no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Obiara a ɔte ahennie no ho asɛm, na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; oyi ne deɛ wɔguu no kwankyɛn no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm no, na wɔnte aseɛ no te sɛ aba a ɛguu ɛkwan mu no. Ɔbɔnefoɔ no ba, bɛhwim deɛ wɔadua wɔ wɔn akoma mu no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Obiara a ɔte ahenni no ho asɛm na ɔnte ase no, ɔbɔne no ba behwim nea wɔagu ne koma mu no; oyi ne nea woguu no kwankyɛn no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 13:19
36 Referencias Cruzadas  

AWURADE suro ne nimdeɛ mfiase; nkwaseafo bu nyansa ne nteɛso animtiaa.


Ɛdɛn nti na sika wɔ ɔkwasea nsam, sɛ ɔde bɛtɔ nyansa, bere a onni ti?


Ɛhena na wosɛ no saa, anuonyam ne kɛseyɛ mu, Eden nnua mu? Nanso wɔde wo ne Eden nnua no besian akɔ asase ase, momonotofo mu na wobɛda, nkrante ano atɔfo nkyɛn. Farao ne n’asafo yuu nyinaa ni, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Na sɛ Satan tu Satan a, na ɔne ne ho adi mpaapaemu; na ɛbɛyɛ dɛn na n’ahenni agyina?


Na nea woguu no abo so no, ɔne nea ɔte asɛm no, na ɔde anigye gye no ntɛmntɛm;


afuw no ne wiase; aba pa no ne ahenni no mma; wura no ne ɔbɔne no mma;


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa yare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.


Na momma mo yiw nyɛ yiw, na mo dabi nyɛ dabi! Na nea ɛboro eyi so no fi bɔne mu.


Na eyinom ne wɔn a wɔwɔ kwankyɛn no: Faako a wogu asɛm no, na wonya te a, ntɛm ara Satan ba, na obeyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no.


Na monsa emu ayarefo yare, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn ahenni abɛn mo.


Na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na wɔnsa yare.


Pilato see no sɛ: Dɛn ne nokware? Na ɔkaa eyi no, ofii adi kɔɔ Yudafo no nkyɛn bio na osee wɔn sɛ: Me de, minhu ne mu afobusɛm biara.


Adɛn nti na monte me kasa ase? Efisɛ muntumi ntie m’asɛm.


Na wɔtee awufo sɔre no, ebinom dii fɛw, na ebinom kae sɛ: Yebetie wo asɛm yi ho bio.


na sɛ ɛyɛ asɛm ne din ne mo mmara ho asɛmmisa bi de a, ɛnne mo ara monhwɛ! Na me de, merenyɛ saa nsɛm yi temmufo.


Na afei, hwɛ, minim sɛ mo a menam mo mu mekaa ahenni no ho asɛm no nyinaa renhu m’anim bio.


Na wɔhyɛɛ no da no, nnipa bebree baa ne nkyɛn nea ɔte hɔ; na ɔkyerɛɛ wɔn ase dii Nyankopɔn ahenni ho adanse, na ɔde Mose mmara ne adiyifo no kyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm no mu fi anɔpa kosii anadwofa.


Na sɛnea wɔammu sɛ wobekura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata:


Na Onyankopɔn ahenni nyɛ adidi ne ɔnom, na mmom ɛyɛ trenee ne asomdwoe ne Honhom Kronkron mu anigye.


na wɔn a wofi atutupɛ mu na wontie nokware, na wotie nea ɛnteɛ no benya abufuw ne awerɛhow,


Me a mene ahotefo nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufo,


na wɔabu wɔn a wɔannye nokware anni na mmom wɔn ani asɔ nea ɛnteɛ no nyinaa atɛn.


Eyi nti ɛsɛ sɛ yeso nneɛma a yɛate no mu den ma no boro so, na yɛamfi ho da bi.


ɛnyɛ sɛ Kain a ofi bɔne mu na okum ne nua no. Na adɛn nti na okum no? Efisɛ n’ankasa nnwuma yɛ bɔne, na ne nua de no de, ɛteɛ.


Yenim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no no, ɔnyɛ bɔne; na mmom nea Onyankopɔn awo no no, ɔhwɛ ne ho so, na ɔbɔnefo no nka no.


Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba na wabɛma yɛn ntease a yɛde hu ɔnokwafo no. Na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios