Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 13:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Efisɛ ɔman yi koma apirim, na wɔn aso ayɛ den, na wɔakatakata wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan wɔn ho, na mansa wɔn yare.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim, na wɔn aso mu ayɛ duru, na wɔakatakata wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane wɔn ho, na mansa wɔn yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Efisɛ ɔman yi koma apirim. Wɔyɛ asoɔden; wɔakatakata wɔn ani. Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani behu ade, na wɔn aso ate asɛm na wɔn koma ate asɛm ase, na wɔanu wɔn ho asan aba me nkyɛn na masa wɔn yare.’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim, na wɔn aso mu ayɛ duru, na wɔakatakata wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane wɔn ho, na mansa wɔn yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɛfiri sɛ, ɔman yi akoma apirim. Wɔyɛ asoɔden; wɔakatakata wɔn ani. Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani bɛhunu adeɛ, na wɔn aso ate asɛm, na wɔn akoma ate asɛm ase, na wɔanu wɔn ho asane aba me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Efisɛ ɔman yi koma apirim, na wɔn aso ayɛ den, na wɔakatakata wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan wɔn ho, na mansa wɔn yare.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 13:15
25 Referencias Cruzadas  

Wɔn koma apirim wo mmara ho sɛ srade a ada, me de, wo mmara ho na me ho sɛpɛw me.


Nea omua n’ani dwen akɔntɔnkyesɛm ho, ɔwe n’ano wie bɔneyɛ.


Nso na odi: Wɔadaadaa ne koma ama wato kwan, na ontumi nnye ne kra, nso ɔnka sɛ: So ɛnyɛ atoro na ɛwɔ me nifa mu yi?


Mahu n’akwan, nso mɛsa no yare; mɛkyerɛ no kwan, na masan makyekye ne werɛ, na mabɔ anofafa so aba ama ne nkɔmmɔdifo.


Ma ɔman yi koma mpirim, na wɔn aso nyɛ den, na ka wɔn ani fomfam, na wɔamfa wɔn aniwa anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔn koma anhu mu, na wɔansakra, na wɔansa wɔn yare,


AWURADE, sa me yare, na me ho asan; gye me, na manya nkwa; na wone m’ayeyi.


Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔnedifo pa ara, hena na obenya mu ahuye?


Monsan mo akyi, mma akyirisanfo, mɛsa mo akyirisan no. Hwɛ, yɛn ni, yɛreba wo nkyɛn, na wone AWURADE, yɛn Nyankopɔn.


Hwɛ, me ara mede ade ne nnuru mɛkyekye ne kuru so, na masa wɔn yare, na matue asomdwoe ne nokware a ɛboro so ano mama wɔn.


Mɛsa wɔn nsanakyiri mu yare, meyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuw adan afi no so.


Na wɔampene sɛ wotie, na wɔkekaa wɔn mmati, na wɔsorow wɔn aso na wɔantie.


Na mo a musuro me din no, trenee wia bepue ama mo, na ayaresa wɔ ne ntaban ase, na mubefi adi ahuruhuruw sɛ anantwiforo a wɔadi adɔ,


na ohu de, wɔahu, na wɔanhu mu, na ɔte nso wɔate, na wɔante ase, na da bi wɔansakra, na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn.


Wo ara nso mpo, ɛnnɛ sɛ wo ankasa wunim nea ɛfa asomdwoe ho a anka eye. Nanso afei, wɔde ahintaw wo.


Na ɔman yi koma apirim, na wɔmfa wɔn aso nte asɛm yiye, na wɔamuamua wɔn ani; na wɔamfa wɔn ani anhu ade, na wɔamfa wɔn aso ante asɛm, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan amma me nkyɛn na mansa wɔn yare.


Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne,


Na wɔde nne kɛse teɛɛm, na wosisiw wɔn aso, na wɔbɔɔ kirididi kɔtow hyɛɛ no so,


Na wobeyi wɔn aso afi nokware ho, na wɔadan akotie anansesɛm.


Ɛno ho na yɛwɔ asɛm a ɛdɔɔso a asekyerɛ yɛ den, nanso ka mo aso asisiw.


ne kurow no abɔnten mfinimfini ne Asubɔnten no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛsow aba ahorow dumien sisii, na ɛsosow n’aba daa ɔsram; na dua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios