Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 13:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Na wɔn mu na Yesaia adiyisɛm no aba mu sɛ: Ɔte de, mobɛte, na morente ase; na ohu nso mubehu, na morenhu mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na wɔn mu na Yesaia adiyisɛm no aba mu sɛ: Teɛ deɛ, mobɛte, na morente aseɛ; na hunu nso mobɛhunu, na morenhunu mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Wɔn so na ɛnam ama Yesaia nkɔm a ɔhyɛe se, “ ‘Ɔte de, mobɛte, nanso morente ase; ohu de, mubehu, nanso morenhu no, aba mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Na wɔn mu na Yesaia adiyisɛm no aba mu sɛ: Teɛ deɛ, mobɛte, na morente aseɛ; na hunu nso mobɛhunu, na morenhunu mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Yei maa Yesaia nkɔm a ɔhyɛɛ sɛ: “ ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ; ɔhunu deɛ mobɛhunu, nanso morenhunu no, aba mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na wɔn mu na Yesaia adiyisɛm no aba mu sɛ: Ɔte de, mobɛte, na morente ase; na ohu nso mubehu, na morenhu mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 13:14
11 Referencias Cruzadas  

Muntie eyi ɛ, ɔman nkwaseafo a wonni ti, wɔwɔ aniwa, na wonhu ade, wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm.


Onipa ba, wote asowui fi, nnipa a wɔwɔ aniwa a wɔde hu ade na wonhu na wɔwɔ aso a wɔde te na wɔnte mu; na asowui fi ne wɔn.


na ohu de, wɔahu, na wɔanhu mu, na ɔte nso wɔate, na wɔante ase, na da bi wɔansakra, na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn.


Na ose: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni mu ahintasɛm no; na wɔn a aka de, wɔde ama wɔn mmebu mu, na wɔahu, na wɔanhu mu, na wɔate, nanso wɔante ase.


Na ɛnyɛ wɔn nyinaa na wotiee asɛmpa no. Na Yesaia ka sɛ: Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi?


nanso wɔn adwene mu yɛɛ wɔn sum, na ɛde besi nnɛ mpo, nkataanim no ara da so da apam dedaw kenkan so a wonnya nyii ɛ, efisɛ Kristo mu (nko) na woyi.


Nanso ɛde besi nnɛ, AWURADE mmaa mo koma a enim ade ne aniwa a ehu ade ne aso a ɛte asɛm.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios