Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 12:43 - KYERƐW KRONKRON

43 Sɛ honhom fi no fi onipa no mu a, okokyinkyin nkyerekyerewa so hwehwɛ ɔhome, na onnya bi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

43 Sɛ honhom fi no firi onipa no mu a, ɔkɔkyinkyini akwaweɛ so hwehwɛ ɔhome, na ɔnnya bi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 “Saa ɔman nnebɔneyɛfo yi te sɛ obi a honhommɔne wɔ ne so. Sɛ honhommɔne no tu fi ne mu a, ekyinkyin, hwehwɛ homebea nanso ennya bi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

43 Sɛ honhom fi no firi onipa no mu a, ɔkɔkyinkyini akwaweɛ so hwehwɛ ɔhome, na ɔnnya bi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 “Saa ɔman debɔneyɛfoɔ yi te sɛ obi a honhommɔne wɔ ne soɔ. Sɛ honhommɔne no tu firi ne mu a, ɛkyinkyini, hwehwɛ homebea nanso, ɛnnya bi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

43 Sɛ honhom fi no fi onipa no mu a, okokyinkyin nkyerekyerewa so hwehwɛ ɔhome, na onnya bi.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 12:43
14 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wufi bae yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mifi asase so kyini ne ɛso anantenantew na mereba.


Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wufi bae yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mifi asase so kyini ne ɛso anantenantew na mereba.


Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn, mehwehwɛ wo anɔpahema, wo ho sukɔm de me kra, me honam agurow pɛ wo hɔ biribi, asase kesee a nsu nni so ma ɛtɔ piti so.


Metue mpampa peredee so nsuwansuwa ne abon mu nsuaniwa; mede sare so mɛyɛ ɔtare, na mede asase kesee mayɛ asuti;


Na ose: Mɛsan makɔ me dan a mifii mu mebae no mu. Na ɔba a, ɔbɛto sɛ ɛda mpan, wɔaprapra mu, na wɔasiesie mu.


Na hwɛ, wɔteɛteɛɛm sɛ: Dɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Onyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ wobɛyɛ yɛn ayayade ansa na bere no adu anaa?


Na Simon ankasa nso gye dii, na wɔbɔɔ no asu no, ɔde ne ho bataa Filipo ho; na ohuu nsɛnkyerɛnne ne ahoɔdenne akɛse a ɔyɛe no, ne ho dwiriw no.


Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios