Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 12:41 - KYERƐW KRONKRON

41 Niniwe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu na wɔabu wɔn fɔ, efisɛ wɔsakraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, nea ɔsen Yona wɔ ha.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

41 Ninewe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ wɔsakyeraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Atemmuda no Ninewe mmarima ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn, efisɛ bere a Yona kaa asɛmpa no, wɔsakraa wɔn adwene. Nanso nea ɔsen Yona wɔ ha.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

41 Ninewe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ wɔsakyeraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Atemmuo da no, Ninewe mmarima bɛsɔre atia nnɛmma yi na wɔabu mo fɔ ɛfiri sɛ, ɛberɛ a Yona kaa asɛmpa no, wɔnuu wɔn ho. Nanso, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

41 Niniwe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu na wɔabu wɔn fɔ, efisɛ wɔsakraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, nea ɔsen Yona wɔ ha.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 12:41
20 Referencias Cruzadas  

Akode biara a wɔbɔ tia wo no renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ; ɛno ne AWURADE nkoa agyapade ne wɔn trenee a efi me no, AWURADE asɛm ni.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɔkobɔfo Israel kra teɛ sen ɔsansani Yuda.


Sɔre kɔ Niniwe kurow kɛse no mu, na pae mu ma wonhu sɛ wɔn bɔne aforo aba m’anim.


Na Yona fii ase hyɛn kurow no mu nantewee da koro, na ɔpaee mu sɛ: Aka adaduanan na Niniwe abutuw.


Na obua see wɔn sɛ: Nnɛ mma abɔnefo ne awaresɛefo hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara gye Odiyifo Yona sɛnkyerɛnne no.


Anafo hɔ hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu, na wabu wɔn fɔ, efisɛ ofi asase ano noho betiee Solomon nyansa; na hwɛ, nea ɔsen Solomon wɔ ha.


Na ɔkɔ kɔfa ahonhom ason foforo a wɔyɛ bɔne sen no ka ne ho, na wɔbɛhyɛn mu tena hɔ; na onipa no akyiri yi asetena yɛ bɔne sen kan de no. Saa ara nso na ɛbɛyɛ nnɛ mma abɔnefo yi.


Na mise mo sɛ, nea ɔkyɛn asɔrefi wɔ ha.


Nnɛ mma bɔne ne awaresɛefo hwehwɛ sɛnkyerɛnne, na wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye Yona sɛnkyerɛnne no. Na ogyaw wɔn fii hɔ kɔe.


Na Yesu kae sɛ: O nnɛ mma a wonni gyidi na moakyea, me ne mo ntena hɔ nkodu da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha!


Nokware mise mo sɛ, eyinom nyinaa bɛba nnɛ mma yi so.


Niniwe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu, na wɔabu wɔn fɔ; efisɛ Yona asɛnka nti wɔsakraa wɔn adwene. Na hwɛ, nea ɔsen Yona wɔ ha yi.


Nea ofi soro ba no sen nnipa nyinaa. Nea ofi fam no fi fam, na ofi fam kasa; nea ofi soro ba no sen nnipa nyinaa,


So woyɛ kɛse sen yɛn agya Yakob a ɔmaa yɛn abura yi na ɔno ankasa ne ne mma ne ne mmoa nom bi no anaa?


Na nea wɔawo no momonoto a odi mmara no so pɛ no bebu wo a wunim akyerɛwee no, na woyɛ twetiani nanso woto mmara no atɛn!


Gyidi na nea wonnya nhui ho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fi nkwagye, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidi ho trenee ɔdedifo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios