Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 12:25 - KYERƐW KRONKRON

25 Na ohuu wɔn adwene no, osee wɔn sɛ: Ahenni biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no dan amamfo; na kurow anaa ofi biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no rennyina.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Na ɔhunuu wɔn adwene no, ɔsee wɔn sɛ: Ahennie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no dane amamfo; na kuro anaa efie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no rennyina.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Yesu huu wɔn adwene maa wɔn mmuae se, “Ahemman biara a edi mpaapaemu no ntumi nnyina. Saa ara nso na kurow anaa ofi biara a edi mpaapaemu no ntumi nnyina.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Na ɔhunuu wɔn adwene no, ɔsee wɔn sɛ: Ahennie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no dane amamfo; na kuro anaa efie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no rennyina.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Yesu hunuu wɔn adwene, maa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Ahemman biara a ɛdi mpaapaemu no ntumi nnyina. Saa ara nso na kuro anaa efie biara a ɛdi mpaapaemu no ntumi nnyina.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na ohuu wɔn adwene no, osee wɔn sɛ: Ahenni biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no dan amamfo; na kurow anaa ofi biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no rennyina.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 12:25
18 Referencias Cruzadas  

Ɛno na Israel man mu paepaee afaafa abien. Ɔman no fa dii Ginat ba Tibni akyi sɛ wobesi no hene, na ɔfa nso dii Omri akyi.


Wo na wunim m’asetena, ne me sɔre, wuhu m’adwenem akyirikyiri.


Manase we Efraim, na Efraim we Manase, na wɔn baanu nyinaa sɔre hyɛ Yuda. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.


Me, AWURADE, na mehwehwɛ koma mu, mesɔ asaabo mehwɛ, na mɛma obiara sɛ n’akwan te, sɛ ne nsɛnnii aba no te.


Na hwɛ, nea ɔnwenee mmepɔw na ɔbɔɔ mframa na ɔkyerɛ onipa nea ɛwɔ n’adwenem no, nea ɔyɛ adekyeehema ne kusuu na otiatia asase sorɔnsorɔmmea so no, Awurade, asafo Nyankopɔn ne ne din.


Na Yesu huu wɔn adwene no, ɔkae sɛ: Adɛn nti na mudwen bɔne mo koma mu?


Na ntɛm ara a Yesu hui ne honhom mu sɛ wɔdwennwene wɔn mu saa no, osee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwennwene eyinom mo koma mu?


Osee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛhow sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na obuaa no sɛ: Awurade, wunim ade nyinaa, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛn me nguan!


Na nnipa mu hena na onim nea ɛwɔ onipa mu, gye onipa no ankasa honhom a ɛwɔ ne mu? Saa ara nso na obi nnim Nyankopɔn adwene, gye Onyankopɔn honhom.


Na sɛ mokeka, na momemmene mo ho a, monhwɛ yiye, na moanni mo ho awu.


Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.


Na kurow kɛse no mu paee afaafa abiɛsa, na amanaman nkurow hwehwee ase, na wɔkaee Babel kɛse no, Onyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no n’abufuw a emu yɛ den no nsa kuruwa.


Na mede owu mekum ne mma, na asafo no nyinaa ahu sɛ, mene nea ɔhwehwɛ adwene ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios