Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 12:23 - KYERƐW KRONKRON

23 Na nkurɔfo akuwakuw no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no ni?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na nkurɔfoɔ akuakuo no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no nie?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no ho dwiriw wɔn. Wɔkae se, “Ebetumi aba sɛ Yesu yi yɛ Dawid Ba no, Agyenkwa no ana?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Na nkurɔfoɔ akuakuo no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no nie?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no ho dwirii wɔn. Wɔkaa sɛ, “Ɛbɛtumi aba sɛ Yesu yi yɛ Dawid Ba no, Agyenkwa no anaa?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na nkurɔfo akuwakuw no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no ni?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 12:23
9 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, Kanaanni bea bi a ofi mpɔtam hɔ bae bɛteɛteɛɛm sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi rehaw me babea dodo!


Na nkurɔfo akuwakuw a wodi kan ne wɔn a wodi akyiri no teɛɛm sɛ: Hosiana nka Dawid ba no, Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no, Hosiana wɔ ɔsorosoro noho!


Na ɛbae sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn,


Na Yesu fi hɔ rekɔ no, anifuraefo baanu dii n’akyi teɛteɛɛm sɛ: Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!


Na otuu honhommɔne no, mum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no nwonwa, na wɔkae sɛ: Wonhuu saa bi da wɔ Israel.


Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka nea mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios