Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 11:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Nso mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Tiro ne Sidon asen mo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Nso mese mo sɛ, atemmuda no, ɛbɛfanyinam Tiro ne Sidon asene mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Atemmuda no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsen nea ɛbɛto Tiro ne Sidon!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Nso mese mo sɛ, atemmuda no, ɛbɛfanyinam Tiro ne Sidon asene mo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Atemmuo da no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsene deɛ ɛbɛto Tiro ne Sidon!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Nso mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Tiro ne Sidon asen mo.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 11:22
22 Referencias Cruzadas  

ne Tiro ahene nyinaa ne Sidon ahene nyinaa ne po akyi noho asase so ahene,


na fa fa abɔfo a wɔbaa Yuda hene Sedekia nkyɛn Yerusalem no so mena Edom hene ne Moab hene ne Amonfo hene ne Tiro hene ne Sidon hene,


Onipa ba, Babel hene Nebukadnesar maa ne dɔm som Tiro ɔsom kɛse, atifi nyinaa popae, na mmati nyinaa ho worɔworɔwee, nanso akatua bi amfi Tiro anka ɔno ne ne dɔm nsa, ɔsom a ɔsom ho no so.


Nanso moreyɛ me dɛn, Tiro ne Sidon ne Filistifo amantow nyinaa? So nea mayɛ bi na mode rehyɛ me ananmu, anaasɛ mo na moreyɛ me biribi? Ɔhareso, ntɛmso na mɛdan nea moreyɛ magu mo atifi.


Nokware mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom ne Gomora asase asen saa kurow no.


Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ tumide a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra wɔn adwene ayitoma ne nso mu dedaw.


Nso mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom asase asen wo.


Na mise mo sɛ, asɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wobebu ho akontaa atemmuda.


Nso atemmu mu no, ɛbɛfanim Tiro ne Sidon asen mo.


yɛn nso sɛ yɛammu nkwagye kɛse a ɛte sɛɛ yi a, yebeguan afi mu dɛn? Ɛno na Awurade fii ase kae no, wɔn a wɔtee no hyɛɛ mu den de maa yɛn,


Awurade nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmu da;


Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.


Eyi mu na ɔdɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu, na yɛayɛ nnam atemmu da, efisɛ sɛnea ɔno te no, sɛ nso yɛte ewiase ha ne no.


Na mihuu ahengua fitaa kokuroo ne nea ɔte so a asase ne ɔsoro guan n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Na mihuu awufo, nketewa ne akɛse, sɛ wogyinagyina ahengua no anim; na wobuebuee nhoma mu. Na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ nkwa nhoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bubuu awufo atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios