Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 11:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Oyi ne nea wɔakyerɛw ne ho asɛm sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfo adi w’anim a obesiesie w’anim kwan.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Oyi ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim a ɔbɛsiesie w’anim kwan.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Na saa Yohane yi na Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho se, “ ‘Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan. Ɔno na obesiesie ɔkwan ama wo.’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Oyi ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim a ɔbɛsiesie w’anim kwan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Na saa Yohane yi na Atwerɛsɛm no ka fa ne ho sɛ, “ ‘Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan. Ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Oyi ne nea wɔakyerɛw ne ho asɛm sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfo adi w’anim a obesiesie w’anim kwan.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 11:10
10 Referencias Cruzadas  

Obi nne teɛm sɛ: Mommɔ AWURADE kwan, sare so, monteɛ anwea pradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn.


Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose.


Hwɛ, meresoma odiyifo Elia mabrɛ mo, ansa na Awurade da kɛse a ɛyɛ hu no aba.


Nokware mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsen Yohane suboni; nanso nea ɔyɛ aketewa koraa ɔsoro ahenni mu no yɛ kɛse sen no.


kobisaa no sɛ: Wone nea ɔreba no anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforo kwan?


Na oyi ne nea Odiyifo Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ: Obi nne teɛm sare so sɛ: Munsiesie Awurade akwan! Momma n’atempɔn nteɛ!


Sɛnea wɔakyerɛw wɔ odiyifo Yesaia nhoma no mu sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfo madi w’anim, ɔno na obesiesie wo kwan.


Na wo, abofra yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifo; efisɛ wubedi Awurade anim akosiesie n’akwan,


Ose: Mene ɛnne a ɛteɛm sare so sɛ: Monteɛ Awurade kwan! Sɛnea Odiyifo Yesaia kae no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios