Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 10:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, muntu ahonhommɔne; munyaa no kwa, na momfa mma kwa!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho mfi, montu ahonhommɔne; moanya no kwa, na momfa mma kwa!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, na muntu ahonhommɔne. Sɛnea munyaa no kwa no, saa ara na mo nso na momfa mma kwa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho mfi, montu ahonhommɔne; moanya no kwa, na momfa mma kwa!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho nte, na montu ahonhommɔne. Sɛdeɛ monyaa no kwa no, saa ara na mo nso momfa mma kwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, muntu ahonhommɔne; munyaa no kwa, na momfa mma kwa!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 10:8
15 Referencias Cruzadas  

Mommra o, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsu ho, na mo a munni sika no mommra mmɛtɔ, na munni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufusu; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na enni bo nso.


Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ mo asɔfodi no, afɔremuka no ho nsɛm nyinaa mu, ne ntwamu mmɔhɔɔ no mu de no mu mfa nsom: mede mo asɔfodi no mama mo sɛ akyɛde som adwuma; na obi foforo biara a ɔbɛn no, wonkum no.


Na ɔfrɛɛ n’asuafo dumien no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wontu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.


Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn.


Monnhwehwɛ sika anaa dwetɛ anaa kɔbere nngu mo abɔso mu,


wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom awuduru biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.


Na monsa emu ayarefo yare, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn ahenni abɛn mo.


Na Petro kae sɛ: Dwetɛ ne sika de minni bi, na nea mewɔ na mede merema wo yi: Nasareni Yesu Kristo din mu, nantew!


bere a woteɛ wo nsa sa wɔn yare na wɔnam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios