Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 10:41 - KYERƐW KRONKRON

41 Nea ogye odiyifo wɔ odiyifo din mu no, ne nsa bɛka odiyifo akatua; na nea ogye onipa trenee wɔ onipa trenee din mu no, ne nsa bɛka onipa trenee akatua.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

41 Deɛ ɔgye odiyifoɔ wɔ odiyifoɔ din mu no, ne nsa bɛka odiyifoɔ akatua; na deɛ ɔgye onipa tenenee wɔ onipa tenenee din mu no, ne nsa bɛka onipa tenenee akatua.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Sɛ wugye odiyifo bi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nipa nti a, wobetua wo so ka sɛ odiyifo no ara pɛ. Na sɛ wugye nnipa trenee a, wubenya akatua sɛ onipa trenee.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

41 Deɛ ɔgye odiyifoɔ wɔ odiyifoɔ din mu no, ne nsa bɛka odiyifoɔ akatua; na deɛ ɔgye onipa tenenee wɔ onipa tenenee din mu no, ne nsa bɛka onipa tenenee akatua.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Sɛ wogye odiyifoɔ bi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn onipa enti a, wɔbɛtua wo so ka sɛ odiyifoɔ no ara pɛ. Na sɛ wogye nnipa tenenee a, wobɛnya akatua sɛ onipa tenenee.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

41 Nea ogye odiyifo wɔ odiyifo din mu no, ne nsa bɛka odiyifo akatua; na nea ogye onipa trenee wɔ onipa trenee din mu no, ne nsa bɛka onipa trenee akatua.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 10:41
27 Referencias Cruzadas  

Na afei dan ɔbarima no yere kɔma no, efisɛ ɔyɛ odiyifo, na wapa kyɛw ama wo, na woanya nkwa; na sɛ woannan no ankɔma no a, ɛnne, hu sɛ owu na wubewu, wo ne nea wowɔ nyinaa.


Monka ɔtreneeni ho sɛ obedi yiye, na wobedi wɔn nneyɛe so aba.


Na Onipa Ba no de n’agya anuonyam ne n’abɔfo na ɛbɛba; ɛno na obetua onipa biara ka sɛnea ne nneyɛe te.


Ɛnna wɔn nso bebua sɛ: Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, anaasɛ osukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔho, anaa wodaa adagyaw, anaasɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛammɛsom wo?


Ɛnna obebua wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moanyɛ amma nketewaa yi mu biako yi, moanyɛ amma me.


Monhwɛ yiye na moanyɛ mo trenee nnipa anim sɛ wobehu mo; anyɛ saa a, munni akatua mo agya a ɔwɔ soro no nkyɛn.


na nnipa anhu sɛ woredi abuada, na mmom w’agya a ɔwɔ kokoam no; na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.


na w’adɔe aka kokoam, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.


Na wo de, worebɔ mpae a, hyɛn wo pia mu, na to wo pon mu bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpae, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.


Na obiara a obisa no, onya, na nea ɔhwehwɛ no, ohu, na nea ɔpem no, wohiɛ no.


Na wɔbɔɔ ɔne ne fifo asu no, ɔsrɛe sɛ: Sɛ moabu me sɛ migye Awurade midi nokwarem a, mommra mmɛtena me fi; na ɔsrɛɛ yɛn ara na yɛne no kɔe.


Gaio a ɔyɛ me ne asafo no nyinaa fiwura kyia mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafo ne onua Kwarto kyia mo.


Na sɛ meyɛ no anigye so a, mewɔ akatua; sɛ nso manyɛ no anigye so a, wɔde ofiehwɛ adwuma no ahyɛ me nsa ara.


Efisɛ Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ, a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.


Monhwɛ mo ho so yiye, na moanhwere nea yɛayɛ adwuma anya no, na mmom moanya akatua mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios