Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 10:26 - KYERƐW KRONKRON

26 Enti munnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adi, anaa ahintaw a wɔrenhu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Enti monnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adie, anaa ahunta a wɔrenhunu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 “Munnsuro wɔn. Mmere bi bɛba a nokware no bɛda adi. Nea wɔyɛ no kokoa mu no nyinaa bɛda adi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

26 Enti monnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adie, anaa ahunta a wɔrenhunu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 “Monnsuro wɔn a wɔbɛhunahuna mo. Mmerɛ bi bɛba a nokorɛ no bɛda adi. Deɛ wɔyɛ no kɔkoam no nyinaa bɛda adi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Enti munnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adi, anaa ahintaw a wɔrenhu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 10:26
22 Referencias Cruzadas  

Nea ɔnam pɛyɛ mu no nam dwoodwoo, na nea ɔkyea n’akwan no, wobehu no.


Abɔnefo guan bere a obi ntaa wɔn, na treneefo de, wɔyɛ nnam sɛ gyataforo.


Onipa ho suro sum afiri, na nea ɔde ne ho to AWURADE so no ho bɛyɛ sonn.


Na nneyɛe nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmu mu, na nea ahintaw nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu so atɛn.


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, nso mɛboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.


Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkae, na wo gyefo ne Israel kronkronni no.


Nsuro wɔn anim, na wo de, medi w’akyi, na mayi wo, AWURADE asɛm ni.


Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsasono ne nsɔe wɔ wo ho, na nkekantwɛre ho na wote de, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma wo bo nntu wɔn anim; na wɔyɛ abusua asowuifo.


Na munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom.


Na biribiara nni kokoam a wɔrenyi no adi, anaasɛ wɔde ahintaw a ɛrenna adi.


na wɔafa ne din so akɔka adwensakra ne bɔnefakyɛ amansan nyinaa mu, na wobefi ase wɔ Yerusalem.


Na biribi nni kokoam a wɔrenyi no adi, na ahintaw a wɔrenhu na ɛrenna adi.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano noho.


Na wohuu Petro ne Yohane akokoduru, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wohuu wɔn sɛ wɔne Yesu na ɛnantewee.


Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: So ɛteɛ Onyankopɔn anim sɛ yetie mo sen Nyankopɔn a, mummu ntɛn!


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn, kosi sɛ bere no bedu ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde nea ahintaw sum mu bɛba hann mu, na wayi komam agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyi bɛma no.


Na sɛ trenee nti muhu amane nso a, nhyira ne mo. Na munnsuro wɔn ho hu, na mommma mo bo nntutu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios