Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 10:23 - KYERƐW KRONKRON

23 Na sɛ wɔtaa mo kurow yi mu a, munguan nkɔ foforo mu; na nokware mise mo sɛ, morenwie Israel nkurow nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na sɛ wɔtaa mo kuro yi mu a, monnwane nkɔ foforɔ mu; na nokorɛ mese mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Sɛ wɔtaa mo kurow baako mu a, munguan nkɔ kurow foforo mu. Mereka nokware akyerɛ mo se morenwie Israel nkurow nyinaa mu adwumayɛ ansa na Onipa Ba no aba.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

23 Na sɛ wɔtaa mo kuro yi mu a, monnwane nkɔ foforɔ mu; na nokorɛ mese mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Sɛ wɔtaa mo kuro baako mu a, monnwane nkɔ kuro foforɔ mu. Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu adwumayɛ ansa na Onipa Ba no aba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na sɛ wɔtaa mo kurow yi mu a, munguan nkɔ foforo mu; na nokware mise mo sɛ, morenwie Israel nkurow nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 10:23
29 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene Yehoiakim ne ne nnɔmmarima nyinaa ne mmapɔmma no nyinaa tee ne nsɛm no, anka ɔhene hwehwɛ no akum no. Na Uria tee, na osuroe, na oguan kɔɔ Misraim.


Na Onipa Ba no de n’agya anuonyam ne n’abɔfo na ɛbɛba; ɛno na obetua onipa biara ka sɛnea ne nneyɛe te.


Nokware mise mo sɛ: Nnipa bi gyina ha a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahenni mu.


Na wofii hɔ kɔe no, hwɛ, Awurade bɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef ɔdae mu sɛ: Sɔre fa abofra no ne ne na, na guan kɔ Misraim, na kɔtena hɔ kosi sɛ mɛka makyerɛ wo; efisɛ Herode rebɛhwehwɛ abofra no akum no.


Hwɛ, eyi nti na meresoma adiyifo ne anyansafo ne Kyerɛwfo aba mo nkyɛn, na mubekum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛnnua mu na moaka wɔn mu binom mpire mo hyiadan mu, na moataa wɔn afi kurow mu akɔ kurow mu;


Nokware mise mo sɛ, eyinom nyinaa bɛba nnɛ mma yi so.


Na sɛnea anyinam pae fi apuei na ɛhyerɛn kɔ atɔe no, sɛnea onipa ba no ba nso bɛyɛ ara nen.


Ɛno na Onipa Ba no sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asase so mmusuakuw nyinaa ho behiahia wɔn kɛse, na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so tumi ne anuonyam kɛse mu.


Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa.


Na sɛ akoa bɔne no ka ne komam sɛ: Me wura rekyɛ ba,


Enti monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no, (a Onipa Ba no reba.)


Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mise mo sɛ, efi nnɛ mubehu Onipa Ba no sɛ ɔte nea ɔwɔ tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum so.


Na Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, osiim kɔɔ Galilea.


Na ɛno na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi kɛse ne anuonyam reba omununkum mu.


Mise mo sɛ, obebu ntɛn agye wɔn ntɛm. Nanso onipa ba no ba a, so anka obehu gyidi asase so?


Ɛnna wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam kɛse reba omununkum mu.


Na eyinom akyi no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ okyini Yudea, efisɛ Yudafo no hwehwɛ no akum no.


Na ntɛm ara anuanom no gyaa Paulo ne Silas kwan anadwo kɔɔ Beroia; na woduu hɔ no, wɔkɔɔ Yudafo hyiadan mu.


Enti ntɛm ara na anuanom no gyaa Paulo kwan sɛ ɔnkɔ mpoano; na Silas ne Timoteo de, wɔtenaa hɔ.


Na gyegyeegye no gyaee no, Paulo frɛɛ asuafo no baa ne nkyɛn, na otuu wɔn fo kraa wɔn fii hɔ sɛ ɔrekɔ Makedonia.


Na Saulo nso penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛse baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsaase so, gye asomafo no nko.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios