Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 10:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Na sɛ woyi mo ma a, monnnwenwen sɛnea mobɛkasa anaa nea mobɛka, na wɔde nea mobɛka no bɛma mo ɛdɔn no ara mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na sɛ wɔyi mo ma a, monnnwennwene sɛdeɛ mobɛkasa anaa deɛ mobɛka, na wɔde deɛ mobɛka no bɛma mo ɛdɔn no ara mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Sɛ wɔkyere mo a, munnnwinwen asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano ho. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo bere a ɛsɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Na sɛ wɔyi mo ma a, monnnwennwene sɛdeɛ mobɛkasa anaa deɛ mobɛka, na wɔde deɛ mobɛka no bɛma mo ɛdɔn no ara mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Sɛ wɔkyere mo a, monnnwene asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo ɛberɛ a ɛsɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na sɛ woyi mo ma a, monnnwenwen sɛnea mobɛkasa anaa nea mobɛka, na wɔde nea mobɛka no bɛma mo ɛdɔn no ara mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 10:19
20 Referencias Cruzadas  

Na afei kɔ, na me ara medi w'ano akyi na makyerɛ wo nea ka.


Na kasa kyerɛ no, na fa nsɛm no hyɛ n'anom; na me de, medi w'ano ne n'ano akyi, na makyerɛ mo nea monyɛ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nka sɛ: Minyin ɛ, na mmom, baabiara a mɛsoma wo no kɔ, na asɛm biara a mɛka wo no ka.


Na AWURADE teɛɛ ne nsa ma ɛkaa m’ano. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mede me nsɛm mahyɛ w’anom.


Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahemfo anim na adi adanse akyerɛ wɔn ne amanaman.


Eyi nti mise mo sɛ: Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ dɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura. Ɔkra nsen aduan, na nipadua nsen ntama anaa?


Enti munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura?


Enti munnnwinnwen ɔkyena ho; na ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no.


Na sɛ wɔde mo kɔ hyia adan mu ne mpanyimfo ne atumfo anim a, munnnwinnwen nea mode beyi mo ho ano anaasɛ nea mobɛka ho,


efisɛ dɔn no ara mu na Honhom Kronkron bɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ moka.


nanso wɔantumi annyina nyansa ne honhom a ɔde kasae no ano.


Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom;


Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman nyinaa ate; na woyii me gyata anom.


Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na ɔde bɛma no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios