Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 10:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Nokware mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom ne Gomora asase asen saa kurow no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Nokorɛ mese mo sɛ, atemmuo da no, ɛbɛfanyinam Sodom ne Gomora asase no asene saa kuro no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Nokware ni, atemmuda no, Sodom ne Gomora mpo benya baabi agyina wɔ Onyankopɔn anim sen saa kurow no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Nokorɛ mese mo sɛ, atemmuo da no, ɛbɛfanyinam Sodom ne Gomora asase no asene saa kuro no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Nokorɛ nie, Atemmuo da no, Sodom ne Gomora mpo bɛnya baabi agyina wɔ Onyankopɔn anim sene saa kuro no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Nokware mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom ne Gomora asase asen saa kurow no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 10:15
22 Referencias Cruzadas  

Na mise mo sɛ, asɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wobebu ho akontaa atemmuda.


Na nokware mise mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, akyerɛwde ketewaa biako anaa nsensanee biako po remfi mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.


Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumide pii anaa?


Na wɔn a wɔrennye mo na wɔrentie mo asɛm no, sɛ mufi hɔ rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw nni wɔn adanse.


Nea ommu me na onnye me nsɛm no wɔ nea obu no atɛn; asɛm a maka no, ɛno ara na ebebu no atɛn ɛda a edi akyiri no mu;


Na eyi ne nea ɔsomaa me no apɛde, sɛ nea ɔde ama me nyinaa, memmma emu bi nnyera, na manya no ɛda a edi akyiri no.


Na eyi ne m'Agya a ɔsomaa me no apɛde, sɛ obiara a ohu Ɔba no na ogye no di no nnya daa nkwa; na menyan no ɛda a edi akyiri no.


efisɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu; ɔno na wama no asɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.


obiara adwuma bɛda adi, na ɛda no beyi no adi, efisɛ ogya mu na ɛbɛda adi, na sɛnea obiara adwuma te no, ogya no bɛsɔ ahwɛ;


Na mo de, anuanom, munni sum mu, na ɛda no abɛto mo sɛ owifo.


Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom yɛ no, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ Ɛda no rebɛn no.


na sɛ ɔdan Sodom ne Gomora nkurow nso, na ɔde ɔsɛe buu wɔn fɔ de wɔn yɛɛ nhwɛso maa wɔn a akyiri yi wɔbɛyɛ amumɔyɛde,


Awurade nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmu da;


Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.


Eyi mu na ɔdɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu, na yɛayɛ nnam atemmu da, efisɛ sɛnea ɔno te no, sɛ nso yɛte ewiase ha ne no.


Na abɔfo a wɔankora wɔn panyinni, na mmom wogyaw wɔn ankasa tenabea no, ɔde daa ahama akyekyere wɔn akora wɔn esum kabii mu ama da kɛse no atemmu.


Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkurow a ɛdeda ho a wɔyɛe sɛ eyinom, de wɔn ho maa aguamammɔ na wɔbɔɔ mmusu kɛse no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ sɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios