Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 10:14 - KYERƐW KRONKRON

14 Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo asɛm no, mufi ofi anaa kurow no mu rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo nsɛm no, mofiri efie anaa kuro no mu rekɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Sɛ morefi ofi anaa kurow biara a wɔannye mo wɔ mu no mu akɔ a, momporoporow ofi no anaa kurow no mu mfutuma a ɛwɔ mo nan ase no ngu hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo nsɛm no, mofiri efie anaa kuro no mu rekɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Sɛ morefiri efie anaa kuro biara a wɔannye mo wɔ mu no mu akɔ a, momporoporo efie no anaa kuro no mu mfuturo a ɛwɔ mo nan ase no ngu hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo asɛm no, mufi ofi anaa kurow no mu rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 10:14
14 Referencias Cruzadas  

Meporoporow me kokom nso na mekae sɛ: Sɛɛ na Onyankopɔn bɛporoporow onipa biara nipa a ɔmma asɛm yi ntim no afi ne fi ne ne dwuma mu, na sɛɛ na wɔbɛporoporow no na wayɛ ohunu. Na bagua no nyinaa kae sɛ: Amen. Na woyii AWURADE ayɛ. Na ɔman no dii asɛm yi so.


Na sɛ ɛfata ofi no a, mo asomdwoe mmra so; na sɛ ɛmfata no a, mo asomdwoe nsan mmra mo nkyɛn.


Na obiara a obegye abofra a ɔte sɛɛ biako me din mu no, wagye me;


Na wɔn a wɔrennye mo na wɔrentie mo asɛm no, sɛ mufi hɔ rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw nni wɔn adanse.


Obiara a obegye saa mmofra yi mu biako me din mu no begye me; na obiara a obegye me no, ɛnyɛ me na ogye me, na nea ɔsomaa me no.


na osee wɔn sɛ: Obiara a obegye abofra yi me din mu no, wagye me; na obiara a obegye me no, na wagye nea ɔsomaa me no. Na nea ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno ara na ɔbɛyɛ ɔkɛse.


Na wɔn a wɔrennye mo no, mufi kurom hɔ rekɔ a, momporoporow mo anan ase tutuw mfa nni adanse ntia wɔn.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye obi a mesomaa no no, ogye me; na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no.


Ɛnna wɔporoporow wɔn anan ase tutuw guu wɔn so, na wɔbaa Ikonium.


Na wotuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporow n’atade mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ankasa mo atifi; me de, me ho afi. Efi nnɛ merekɔ amanaman no mu.


Enti nea ɔtew ahi ntew onipa bi so atua, na mmom Onyankopɔn a ɔde ne Honhom Kronkron ahyɛ mo mu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios