Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 1:20 - KYERƐW KRONKRON

20 Na ɔredwennwene eyinom no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ no ɔdae mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na nea ɔyem no no fi Honhom Kronkron mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

20 Na ɔredwennwene yeinom ho no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ daeɛ mu sɛ: "Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na deɛ ɔnyem no firi Honhom Kronkron mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Bere a asɛm no ayɛ Yosef dadwen no, Awurade bɔfo beyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ dae mu. Ɔbɔfo no kae se, “Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa Maria sɛ wo yere efisɛ ne nyinsɛn no fi Honhom Kronkron.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

20 Na ɔredwennwene yeinom ho no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ daeɛ mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na deɛ ɔnyem no firi Honhom Kronkron mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Ɛberɛ a asɛm no ayɛ Yosef dadwene no, Awurade ɔbɔfoɔ bɛyii ne ho adi kyerɛɛ no daeɛ mu. Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Yosef, Dawid aseni, nnyae Maria awadeɛ ɛfiri sɛ, ne nyinsɛn no firi Honhom Kronkron.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

20 Na ɔredwennwene eyinom no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ no ɔdae mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na nea ɔyem no no fi Honhom Kronkron mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 1:20
38 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ me ɔdae mu sɛ: Yakob! Na mise: Mini.


Na ose: Mene Onyankopɔn, w'agya Nyankopɔn no. Nsuro sɛ wubesian akɔ Misraim, na mɛyɛ wo ɔman kɛse wɔ hɔ.


Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, kɔyɛ sɛ woaka no, nanso kɔfa bi yɛ ɔfam ketewaa bi ma me kan, na fa brɛ me, na ɛno akyi no yɛ wo ne wo ba de.


Na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon anadwo dae mu wɔ Gibeon, na Onyankopɔn kae sɛ: Srɛ nea memma wo.


W’akoa ne me, ma me nhumu, na minhu w’adansesɛm.


Ma mente w’adɔe anɔpa, na wo so na mede me ho meto. Ma minhu ɔkwan a memfa so, na wo na mema me kra so mekyerɛ wo.


Me mu dadwen dɔɔso a, w’awerɛkyekye gye me kra ani.


Treneefo adwene teɛ, na abɔnefo agyinatu yɛ nkontompo.


Nea n’adwene tim wo so na wobɛkora no asomdwoe a ewie pɛyɛ mu, efisɛ wo so na ɔde ne ho to.


na w’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnantew so.


Muntie me, mo a munim trenee, ɔman a me mmara wɔ wɔn koma mu, munnsuro ɔdasani ahohorabɔ na mommma wɔn ahiiyi nnyɛ mo ahopopo,


Ɛnna ose: Dawid fi, muntie ɛ! So ɔhaw a mohaw nnipa yi, ɛnnɔɔ mo so, sɛ mobɛhaw me Nyankopɔn nso?


Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fi sɛ: Siria abɛbɔ Efraim mu. Ɛnna ne koma ne ne man koma wosowee sɛ kwae mu nnua wosow mframa anim.


Wobɛwɔ ntwɛtwɛdɛ akosi da bɛn, ɔbabea okyirisanfo? Na AWURADE abɔ ade foforo, asase so, ɔbea bɛbɔ ɔbarima ho ban.


ɛno ansa na mɛpa Yakob asefo ne m’akoa Dawid nso, na mamfa n’asefo mu nnipa a wobedi Abraham ne Isak ne Yakob asefo so; na mede wɔn nnommum mɛsan maba, na mahu wɔn mmɔbɔ.


Na Safan ba Ahikam ba Gedalia kaa wɔn ne wɔn mmarima no ntam sɛ: Munnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafo no, montena asase no so na monsom Babel hene, na ensi mo yiye.


Na eyi akyi no, mehwie me honhom magu ɔhonam nyinaa so, na mo mmabanin ne mo mmabea ahyɛ nkɔm, na mo mpanyin asoso adae, na mo mmerante ahuhu anisoade,


Na ɔkae sɛ: Muntie me nsɛm a sɛ AWURADE diyifo bi wɔ mo mu a, adehu mu na mema ohu me, ɔdae mu na mekasa mekyerɛ no:


Na sɛnea Yesu Kristo awo te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef asiwayere, na wonnya nhyiaa mu no, wohui sɛ ɔyem nea efi Honhom Kronkron mu.


Na woyi kyerɛɛ wɔn ɔdae mu sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode hɔ bio no, wɔfaa ɔkwan foforo bi so san kɔɔ wɔn kurom.


Na wofii hɔ kɔe no, hwɛ, Awurade bɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef ɔdae mu sɛ: Sɔre fa abofra no ne ne na, na guan kɔ Misraim, na kɔtena hɔ kosi sɛ mɛka makyerɛ wo; efisɛ Herode rebɛhwehwɛ abofra no akum no.


Na Herode wui no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho kyerɛɛ Yosef ɔdae mu wɔ Misraim


Na ɔtee sɛ Arkelao di Yudea hene n’agya Herode ananmu no, osuroe sɛ ɔbɛkɔ hɔ; na woyi kyerɛɛ no ɔdae mu no, ɔman kɔɔ Galilea fam.


Na ɔte atemmu agua so no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa trenee no ntam; na ne nti mahu amane pii ɔdae mu nnɛ.


Na ɔbɔfo no bua see mmea no sɛ: Mo de, munnsuro! Na minim sɛ mohwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no.


Ɛnna ɔbɔfo no bua see no sɛ: Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛm pa yi.


Na Yosef nso fi Nasaret a ɛwɔ Galilea siim kɔɔ Yudea, Dawid kurow a wɔfrɛ no Betlehem mu, efisɛ ofi Dawid fi ne n'abusua mu,


Na Awurade bɔfo behiɛɛ afiase no apon anadwo, na ɔde wɔn fii adi kae sɛ:


Momma yɛn ani nnye, na yenni ahurusi, na yɛnhyɛ no anuonyam, efisɛ oguammaa no ayeforohyia adu, na ne yere asiesie ne ho.


Na AWURADE bɔfo yii ne ho kyerɛɛ ɔbea no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woyɛ obonin na wonwo, nanso wobenyinsɛn awo babarima.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios