Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 9:22 - KYERƐW KRONKRON

22 na ɛtaa ka no to ogya ne nsu mu sɛ ebekum no; na sɛ wubetumi ayɛ biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 na ɛtaa ka no to ogya ne nsuo mu sɛ ɛbɛkum no; na sɛ wobɛtumi ayɛ ho biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 na ɛtɔ da bi koraa a, ɔyare no tumi twa no hwe ogya anaa nsu mu pɛ sɛ ekum no. Enti sɛ wubetumi asa no yare de a, hu yɛn mmɔbɔ, na sa no yare ma yɛn.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 na ɛtaa ka no to ogya ne nsuo mu sɛ ɛbɛkum no; na sɛ wobɛtumi ayɛ ho biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 na ɛtɔ ɛda bi koraa a, yadeɛ no tumi twa no hwe ogya anaa nsuo mu, pɛ sɛ ɛkum no. Enti, sɛ wobɛtumi asa no yadeɛ deɛ a, hunu yɛn mmɔbɔ, na sa no yadeɛ ma yɛn.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 na ɛtaa ka no to ogya ne nsu mu sɛ ebekum no; na sɛ wubetumi ayɛ biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn!

Ver Capítulo Copiar




Marko 9:22
12 Referencias Cruzadas  

Na ntɛm ara Yesu teɛɛ ne nsa soo no mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo a wo gyidi sua! Adɛn nti na wugyee akyinnye?


Awurade, hu me ba yi mmɔbɔ, na otwa, na ɔrehu amane pii; ɔtaa tɔ ogya mu, na ɔtaa tɔ nsu mu.


Yesu huu wɔn mmɔbɔ, na ɔde ne nsa kekaa wɔn ani; na ntɛm ara wohuu ade, na wodii n’akyi.


Na hwɛ, ɔkwatani bi bae bɛkotow no kae sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.


Na oduu fie no, anifuraefo no baa ne nkyɛn; na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mugye di sɛ metumi mayɛ eyi? Wɔbuaa no sɛ: Yiw, owura.


Nanso Yesu amma no kwan, na osee no sɛ: Kɔ wo fi, w’abusuafo nkyɛn, na kɔka nneɛma a Awurade ayɛ ama wo ne mmɔbɔ a wahu wo no kyerɛ wɔn!


Na obisaa n’agya sɛ: Nna ahe ni a eyi yɛɛ no? Na ɔkae sɛ: Efi ne mmofraase;


Na Yesu see no sɛ: Wuse: Sɛ wubetumi a! Nneɛma nyinaa betumi ayɛ ama nea ogye di.


Na Awurade huu ɔbea no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na osee no sɛ: Nsu!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios