Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 9:19 - KYERƐW KRONKRON

19 Na obuaa wɔn sɛ: O nnɛ mma a munni gyidi! Mentena mo nkyɛn nkodu da bɛn? Mentɔ me bo ase mo ho nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na ɔbuaa wɔn sɛ: O ɛnnɛ mma a monni gyidie! Mentena mo nkyɛn nkɔduru da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkɔduru da bɛn? Momfa no mmrɛ me!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “O, mo a mo gyidi sua, me ne mo ntena nkosi da bɛn ansa na mo gyidi atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

19 Na ɔbuaa wɔn sɛ: O ɛnnɛ mma a monni gyidie! Mentena mo nkyɛn nkɔduru da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkɔduru da bɛn? Momfa no mmrɛ me!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “O, mo a mo gyidie sua, me ne mo ntena nkɔsi da bɛn ansa na mo gyidie atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na obuaa wɔn sɛ: O nnɛ mma a munni gyidi! Mentena mo nkyɛn nkodu da bɛn? Mentɔ me bo ase mo ho nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me!

Ver Capítulo Copiar




Marko 9:19
17 Referencias Cruzadas  

efisɛ wɔannye Onyankopɔn anni, na wɔamfa wɔn ho anto ne nkwagye so.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman yi bɛtew me ahi akosi da bɛn? Na enkosi da bɛn na wɔrennye me nni, nsɛnkyerɛnne a mayɛ wɔn mu no nyinaa akyi?


mmarima no a wohuu m'anuonyam ne me nsɛnkyerɛnne a meyɛe Misraim ne sare so no a wɔasɔ me ahwɛ mpɛn du ni na wɔantie me nne no nyinaa,


Mentɔ me bo ase memma asafo bɔne yi a wonwiinwii hyɛ me no nkosi da bɛn? Israelfo anwiinwii a wonwiinwii hyɛ me no, mate.


Na Yesu kae sɛ: O nnɛ mma a wonni gyidi na moakyea, me ne mo ntena hɔ nkodu da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha!


Akyiri no a dubiako no te adidii no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa wɔn anim, ogye a wonnye nni no ne wɔn komaden ho, sɛ wɔannye wɔn a wohuu no sɛ wasɔre no anni nti.


na bere biara a eso no mu no, esinsen no, na n’ano po ahuru, na ɔtwɛre ne se, na ɔfɔn. Na meka mekyerɛɛ w’asuafo sɛ wontu no, wɔantumi.


Na wɔde no brɛɛ Yesu. Na ohuu no no, ntɛm ara na honhom no ma osinsenee, na ɔhwee ase, na obu faa so, na n’ano poo ahuru.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: O adwenharefo a moyɛ nyaa mo komam sɛ mubegye nea adiyifo no aka nyinaa adi!


Na Yesu buae sɛ: O nnɛ mma a wonni gyidi na wɔakyeakyea, mentena mo nkyɛn na mentɔ me bo ase mo ho nkodu da bɛn? Fa wo ba no bra ha!


Afei me kra ho yeraw no; na ɛdɛn na menka? Agya, gye me fi dɔn yi mu! Nanso eyi nti na mebaa dɔn yi mu.


Ɛnna afei osee Toma sɛ: Fa wo nsatea bra ha na bɛhwɛ me nsam, na fa wo nsa bɛka me mfem, na nyɛ okyinnyegyefo, na gye di!


na ɔkae sɛ: Meyi m’ani mahintaw wɔn, mɛhwɛ nea wɔn akyiri bewie, na awo ntoatoaso kɔntɔnkye ne wɔn, mma a nokware nni wɔn mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios