Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 8:34 - KYERƐW KRONKRON

34 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no ne n’asuafo no bae ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua, na onni m’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

34 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no ne n’asuafoɔ no bae, ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi pɛ sɛ ɔdi m’akyiri a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua, na ɔnni m’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Afei ɔfrɛɛ nʼasuafo no ne nnipakuw no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se: “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasennua, na odi mʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

34 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no ne n’asuafoɔ no bae, ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi pɛ sɛ ɔdi m’akyiri a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua, na ɔnni m’akyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Afei, ɔfrɛɛ nʼasuafoɔ no ne nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛtie no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasɛnnua, na ɔdi mʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

34 Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no ne n’asuafo no bae ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua, na onni m’akyi.

Ver Capítulo Copiar




Marko 8:34
43 Referencias Cruzadas  

na metew ahenni no fii Dawid fi mede memaa wo, nanso woanyɛ sɛ m’akoa Dawid a odii me mmara nsɛm so na ɔde ne koma nyinaa dii m’akyi sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ m’ani so no nko,


Na m'akoa Kaleb de, sɛ honhom a ɛso wɔ no mu na wadi m'akyi awie nti, mede no medu asase a ɔkɔɔ so no so, na n'asefo adi so.


na nea ɔmfa n’asɛnnua na onni m’akyi no, ɔmfata me.


Ɛnna Yesu see n’asuafo no sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na onni m’akyi.


Na wɔrefi adi no, wohuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon; ɔno na wɔhyɛɛ no maa ɔsoaa n’asɛnnua no.


Na Yesu hwɛɛ no dinn na ɔdɔɔ no, na osee no sɛ: Aka wo ade biako: Kɔ na kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafo, na wubenya agyapade ɔsoro; na bra bedi m’akyi.


Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no nyinaa baa ne nkyɛn see wɔn sɛ: Mo nyinaa muntie, na monte ase!


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu! Na mise mo sɛ: Nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛn, na wɔrentumi.


Saa ara nso na mo mu biara a onnyaw nea ɔwɔ nyinaa ntumi nyɛ me suani.


Na Yesu tee saa no, osee no sɛ: Ɛda so ka wo ade biako, kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafo, na wubenya ademude ɔsoro; na bra bedi m’akyi!


Na ɔman no nyinaa retie no, osee asuafo no sɛ:


Na ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua daa, na onni m’akyi.


Me nguan tie me nne, na me nso minim wɔn, na wodi m’akyi;


Na ɔso n’asɛnnua fii adi koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa beae a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota.


hyehyɛɛ asuafo no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidi mu, kae nso sɛ etwa yɛn sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Onyankopɔn ahenni mu.


Na yenim eyi sɛ wɔabɔ yɛn nipa dedaw ne no asɛnnua mu, sɛ bɔne no nipadua nwu, na yɛansom bɔne bio;


Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnko adedifo, nanso gye sɛ yɛne no hu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no anuonyam bi.


Meka mo ho ahohoahoa a mewɔ no yɛn Awurade Kristo Yesu mu sɛ, miwu da biara.


Enti sɛ aduan to me nua hintidua a, ɛnne merenni ara da, na manto me nua hintidua.


Na mede me ho ade nyinaa mu de, nanso mede me ho mayɛ akoa mama nnipa nyinaa, na manya dodow.


na m’ase a mete yi de, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete ɔhonam mu yi, mete no Onyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidi mu.


Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu de abɔ ɔhonam ne ne nhyɛsode ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu.


Na me de, ɛmpare me sɛ mɛhoahoa me ho, gye yɛn Awurade Yesu Kristo asɛnnua mu; ɛno so na wɔnam abɔ wiase asɛnnua ama me, na wɔabɔ me nso asɛnnua ama wiase.


Na anka mahu no yiye, ne ne wusɔre tumi no, na manya kyɛfa wɔ n’amanehunu no mu, na wɔama masɛ ne wu no,


Nanso nneɛma a anka ɛyɛ me mfaso no, Kristo nti mibuu no adehwere.


Afei m’ani gye amane a mihu mema mo no mu, na mehyɛ Kristo amanehunu, nea aka no ananmu, wɔ me honam mu mema ne nipadua a ɛyɛ asafo no


Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: Aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom.


Na yɛte sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔnenam basabasa wɔ mo mu, na wɔnnyɛ adwuma, na mmom wɔyɛ tɛretɛre.


Atetew yɛn sɛ, sɛ, yɛapa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ a, yɛmfa adwenemtew ne trenee ne onyamesom pa ntena wiase bere yi mu


Ɛno nti momma yemfi adi nkɔ ne nkyɛn nsra no akyi nkɔsoa n’ahohora.


Na afei, sɛ Kristo ahu amane ɔhonam mu yi, mo nso momfa adwenkoro no ara mmia mo ho, (efisɛ nea wahu ɔhonam mu amane no agyae bɔneyɛ),


na mmom, sɛnea moayɛ Kristo amanehunu no fafafo no, momma mo ani nnye, na sɛ woyi n’anuonyam no adi a, mode ahosan ama mo ani agye nso.


efisɛ, minim sɛ ɔpa a wɔbɛpa me ho ntamadan yi bɛba ntɛm so, sɛnea yɛn Awurade Yesu Kristo nso ayi akyerɛ me no.


Eyi mu na yɛahu ɔdɔ no, sɛ ɔno de ne nkwa too hɔ maa yɛn. Na ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛde yɛn kra to hɔ ma anuanom.


Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios