Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 8:32 - KYERƐW KRONKRON

32 na ɔkaa asɛm no pefee. Na Petro de no kɔɔ nkyɛn fii ase kaa n’anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

32 na ɔkaa asɛm no pefee. Na Petro de no kɔɔ nkyɛn, fitii aseɛ kaa n’anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Ɔkaa asɛm no pefee a wamfa biribiara anhintaw wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn bisaa no se, “Adɛn nti na woka asɛm a ɛte sɛɛ yi?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

32 na ɔkaa asɛm no pefee. Na Petro de no kɔɔ nkyɛn, fitii aseɛ kaa n’anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Ɔkaa asɛm no pefee a wamfa biribiara ansie wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn, bisaa no sɛ, “Adɛn enti na woka asɛm a ɛte sɛɛ yi?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

32 na ɔkaa asɛm no pefee. Na Petro de no kɔɔ nkyɛn fii ase kaa n’anim.

Ver Capítulo Copiar




Marko 8:32
9 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ofii ase kaa n’anim sɛ: Ɛmpare wo, Awurade, eyi remma wo so da.


Na ɔno de, ɔwɔ ɔkorow no to ada sumii so. Ɛnna wonyan no see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛremem yi, ɛmfa wo ho anaa?


Na Marta de, ɔbrɛɛ ne ho ɔsom pii ho; na obegyinaa hɔ kae sɛ: Awurade, wonhwɛ sɛ me nua agyaw me nko hɔ na meresom? Enti ka kyerɛ no, na ommeso me mu abia.


Ɛnna Yudafo betwaa ne ho hyiae, na wosee no sɛ: Wobɛma yɛatwɛn akosi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn pefee.


Ɛnna afei Yesu see wɔn pefee sɛ: Lasaro awu;


Eyinom na maka mo mmebu mu; na bere no reba a merenkasa menkyerɛ mo mmebu mu bio, na mɛka Agya no ho asɛm makyerɛ mo pefee.


N’asuafo no see no sɛ: Hwɛ, afei de, wokasa pefee, na wummu bɛ biara.


Yesu buaa no sɛ: Me de, mekasae pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛe hyiadan mu ne asɔrefi, faako a Yudafo nyinaa ahyia, na kokoam de menkaa hwee.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios