Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 8:29 - KYERƐW KRONKRON

29 Na obisaa wɔn sɛ: Na mo de, muse mene hena? Na Petro bua see no sɛ: Wone Kristo no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

29 Na ɔbisaa wɔn sɛ: Na mo deɛ, mose mene hwan? Na Petro bua see no sɛ: Wone Kristo no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 Na obisaa wɔn se, “Na mo nso mose meyɛ hena?” Petro buaa no se, “Wone Kristo no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

29 Na ɔbisaa wɔn sɛ: Na mo deɛ, mose mene hwan? Na Petro bua see no sɛ: Wone Kristo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 Na ɔbisaa wɔn sɛ, “Na mo nso mose meyɛ hwan?” Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

29 Na obisaa wɔn sɛ: Na mo de, muse mene hena? Na Petro bua see no sɛ: Wone Kristo no.

Ver Capítulo Copiar




Marko 8:29
13 Referencias Cruzadas  

Obiara a ɔpae mu ka sɛ Yesu ne Nyankopɔn Ba no, Onyankopɔn te ne mu, na ɔno nso te Nyankopɔn mu.


Obiara a ogye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ nea ɔwoe no, ɔdɔ nea ɔwoo no no nso.


Osee no sɛ: Yiw, Awurade, migye midi sɛ wone Kristo no, Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.


Na obisaa wɔn sɛ: Mo de, muse mene hena? Na Petro buae sɛ: Onyankopɔn Kristo no.


Na ntɛm ara na ɔkaa Yesu ho asɛm hyia adan mu sɛ ɔne Nyankopɔn ba no.


na wɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yegye di, na yɛn ankasa ate na yɛahu sɛ oyi ne wiase agyenkwa no ampa.


Enti mo a mugye no di no, nea ɔsom bo no yɛ mo de. Na wɔn a wonnye nni no de, ɔbo a abantofo apo no na ayɛ tweaso tibo,


na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Nyankopɔn kronkronni no.


Na wɔnam kwan so rekɔ no, wokoduu asu bi ho, na opiani no kae sɛ: Hwɛ, nsu ni; ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?


Na osee wɔn sɛ: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni ho ahintasɛm no; na wɔn a wɔwɔ akyiri no de, wɔkyerɛ wɔn ne nyinaa mmebu mu;


Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios