Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 8:17 - KYERƐW KRONKRON

17 Na Yesu hui no, osee wɔn sɛ: Adɛn na modwennwene abodoo a munni ho? Munnya nhui na montee ase ɛ? Mo koma da so apirim?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Na Yesu hunuiɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na modwendwene paanoo a monnie ho? Monnya nhunui, na montee aseɛ? Mo akoma da so apirim?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Yesu huu nea wodwinnwen no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monnte eyi ase ana? Mo koma da so pirim?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

17 Na Yesu hunuiɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na modwendwene paanoo a monnie ho? Monnya nhunui, na montee aseɛ? Mo akoma da so apirim?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monnte yei ase anaa? Mo akoma da so pirim?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Na Yesu hui no, osee wɔn sɛ: Adɛn na modwennwene abodoo a munni ho? Munnya nhui na montee ase ɛ? Mo koma da so apirim?

Ver Capítulo Copiar




Marko 8:17
17 Referencias Cruzadas  

O AWURADE, ɛdɛn nti na woma yefi wo kwan so kɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, na wupirim yɛn koma na yɛansuro wo? San bra, wo nkoa nti, w’agyapade mmusuakuw no nti.


Na Yesu hui no, ɔtwee ne ho fii hɔ, na nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yare.


Munhu sɛ ade biara a ɛkɔ anom no kɔ ɔyafunu mu na eyi fi gu yaane mu anaa?


Na wɔdwennwenee wɔn mu kekae sɛ: Yɛamfa abodoo nti anaa?


Akyiri no a dubiako no te adidii no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa wɔn anim, ogye a wonnye nni no ne wɔn komaden ho, sɛ wɔannye wɔn a wohuu no sɛ wasɔre no anni nti.


Na ntɛm ara a Yesu hui ne honhom mu sɛ wɔdwennwene wɔn mu saa no, osee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwennwene eyinom mo koma mu?


Na ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn komaden nti ɛyɛɛ no yaw, na osee onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe; na ne nsa no san yɛɛ yiye.


Na wɔante abodoo ho asɛm no ase; efisɛ wɔn koma apirim.


Na wɔdwennwene sisee wɔn ho sɛ wonni abodoo.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: O adwenharefo a moyɛ nyaa mo komam sɛ mubegye nea adiyifo no aka nyinaa adi!


Afei yɛahu sɛ wunim nneɛma nyinaa, na enhia wo sɛ obi bisa wo; eyi mu na yegye di sɛ wufii Nyankopɔn nkyɛn na ɛbae.


Osee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛhow sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na obuaa no sɛ: Awurade, wunim ade nyinaa, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛn me nguan!


Na mede owu mekum ne mma, na asafo no nyinaa ahu sɛ, mene nea ɔhwehwɛ adwene ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios